Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 1:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Enti mede mo mmusuakuw mu mmarima atitiriw, anyansafo a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so sɛ ahwɛfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Enti, mede mo mmusuakuo mu mmarima atitire, anyansafoɔ a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu so mpanin ne mo mmusuakuo so sɛ ahwɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Ɛnna mede mo mmusuakuw mu atitiriw, mmarima anyansafo a wɔdɛnsow misisii mo so atitiriw, apem apem so mpanyin ne ɔha ɔha so mpanyin ne aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so ahwɛfo.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 1:15
12 Referencias Cruzadas  

Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.


Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri.


na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire.


Na Mose bo fuu dɔm no asafohene a wɔdi apem apem ne ɔha ɔha soɔ a wɔfiri akono reba no;


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


Na mobuaa me sɛ: Asɛm a woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ.


Na mehyɛɛ mo atemmufoɔ no mmara berɛ no mu sɛ: Montie mo nuanom ntam nsɛm, na mommu ntɛntenenee onipa ne ne nua ne ne hɔhoɔ ntam.


Sisi wo so atemmufoɔ ne mpanimfoɔ, wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛdeɛ wo mmusuakuo teɛ no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no.


na fa nufosuo a akyenkyen mua du yi kɔma apem so safohene no, na hwɛ sɛdeɛ wo nuanom ho teɛ, na fa wɔn ho biribi bra.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?


na ɔde wɔn asisi mpempem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔ n’asase na wɔatwa ne nnɔbaeɛ, na wɔayɛ n’akodeɛ ne ne nteaseɛnam ho adeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios