Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 1:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Monyiyi mmarima anyansafoɔ ne animdefoɔ a wɔdɛnso mo mmusuakuo no mu, na memfa wɔn nsisi mo so atitire.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Monyiyi mmarima anyansafoɔ ne animdefoɔ a wɔdɛnso mo mmusuakuo no mu, na memfa wɔn nsisi mo so atitire.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mompaw mmarima bi a wɔwɔ nyansa, ntease na wɔwɔ din pa mfi abusuakuw biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Monyi mmarima bi a wɔwɔ nyansa, nteaseɛ, na wɔwɔ edin pa mfiri abusuakuo biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Munyiyi mmarima anyansafo ne animdefo a wɔdɛnsow mo mmusuakuw no mu, na memfa wɔn minsisi mo so atitiriw.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 1:13
7 Referencias Cruzadas  

Na afei ma Farao nhwehwɛ onipa a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafoɔ mfa no nsi Misraim asase so.


Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.


Ɛbɛyɛ dɛn na me nko ara mɛtumi masoa mo ne mo aperedie ho adesoa duruduro yi?


Na mobuaa me sɛ: Asɛm a woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios