Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 9:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyina hɔ na menkɔtie deɛ AWURADE bɛhyɛ ama mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyina hɔ na menkɔtie deɛ AWURADE bɛhyɛ ama mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mose buaa wɔn se, “Montwɛn mma mimmisa sɛnea Awurade mmara no ka fa mo ho.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mose kaa sɛ ɔbɛbisa Awurade.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnyina hɔ na minkotie nea AWURADE bɛhyɛ ama mo.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 9:8
19 Referencias Cruzadas  

Ɛnyɛ mo deɛ sɛ mobɛko yei mu, gyina nko ara na monkɔgyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagyeɛ. Yuda ne Yerusalem, monnsuro na mo akoma nntu, ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na AWURADE bɛdi mo akyi.


AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


Mɛtie deɛ Onyankopɔn AWURADE bɛka. Ampa, ɔka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefoɔ, na mma wɔnnsane nnkɔ nkwaseadeɛ mu.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.


Na Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: Ɔman no ba me nkyɛn bɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ.


Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.


Onipa ba, mede wo masi Israel fie wɛmfoɔ; enti tie m’anomu asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.


na wɔbɔɔ no dua mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛnya AWURADE anomu asɛm aka akyerɛ wɔn.


na wɔbɔɔ no dua mu, ɛfiri sɛ na wɔnnya nkyerɛɛ deɛ wɔnyɛ no.


Na Mose de wɔn asɛm no baa AWURADE anim.


na mmarima no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛn ho akum wɔ efunu bi ho; adɛn na wɔbɛkame yɛn sɛ yɛmmfa yɛn ayɛyɛdeɛ mmmrɛ AWURADE ne berɛ mu wɔ Israelfoɔ mu?


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.


ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo.


Na me deɛ, deɛ menya mefirii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa paanoo,


Ɛfiri sɛ me deɛ menhunu biribiara wɔ me ho, nanso ɛnyɛ yei ho na medi bem; na deɛ ɔbu me atɛn ne Awurade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios