Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 9:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔdii twam no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Sinai serɛ so; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israel mma no yɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔdii twam no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Sinai serɛ so; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israel mma no yɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 na wɔyɛɛ saa wɔ Sinai Nweatam no so wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Na Israelfo no yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 wɔ Sinai asase pɔ no so sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wodii twam no ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere, Sinai sare so; sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israelfo no yɛe.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 9:5
18 Referencias Cruzadas  

Na Noa yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no nyinaa pɛpɛɛpɛ.


Na Noa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no nyinaa.


Na Israelfoɔ nyinaa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no; saa ara na wɔyɛeɛ.


Na wɔyɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa wiee, na Israelfoɔ yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.


Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na Israelfoɔ yɛɛ adwuma no nyinaa.


Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.


Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.


Na Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo mu no nyinaa yɛɛ Lewifoɔ no saa; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose maa Lewifoɔ ho no, saa na Israelfoɔ no yɛɛ wɔn.


Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔnni twam no.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Enti, Ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro adeɛ a wɔyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,


Na afe a ɛtɔ so aduanan no, bosome a ɛtɔ so dubaako, bosome no ara da a ɛdi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa;


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.


Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.


Na Mose deɛ, ɔdii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ, sɛ ɔbɛdi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanseɛ.


Na Israelfoɔ no kyeree nsraban Gilgal, na wɔdii Twam no, bosome no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Yeriko mpaperɛ so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios