Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 9:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Saa na na ɛyɛ daa, mununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Saa na na ɛyɛ daa, mununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Saa ara na ɛte bere biara, na edu anadwo a, mununkum no dan yɛ sɛ ogya.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Saa ara na ɛte ɛberɛ biara, na ɛduru anadwo a, omununkum no dane yɛ sɛ ogya.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Saa na ɛyɛ daa: omununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 9:16
13 Referencias Cruzadas  

Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so.


wo deɛ, wo mmɔborɔhunu bebree nti woannya wɔn ɛserɛ no so, mununkum dum no amfiri wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛre ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa soɔ.


Ɔtrɛɛ mununkum mu yɛɛ nkatasoɔ, ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.


Ɔde mununkum gyaa wɔn awia, na anadwo nyinaa ɔde ogya kanea nso gyaa wɔn.


Ɛnna mununkum no bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no soɔ, na AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma.


Ɛfiri sɛ wɔn akwantuo no nyinaa mu, na AWURADE mununkum no wɔ tenabea no so awia, na ogya wɔ mu anadwo, Israel fie no nyinaa anim.


Anuanom, mempɛ sɛ mede sie mo sɛ yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ mununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,


ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu a ɔrepata twe wiase fam ne ho, na wammu wɔn mfomsoɔ angu wɔn so, na wɔde nkabom asɛm no ahyɛ yɛn nsa.


nanso ɔno na na ɔdi mo anim ɔkwan soɔ sɛ ɔrekɔsra mo nsrabankyerebea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa soɔ, mununkum mu awia.


Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse: Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios