Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 9:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ na wɔnnie; apiti ne ɛfan nwononwono na wɔmfa nnie:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ na wɔnnie; apiti ne ɛfan nwononwono na wɔmfa nnie:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 nanso ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no anwummere na ɛsɛ sɛ wodi. Saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔwe oguamma no a brodo a mmɔkaw nni mu ka ho a naban nweenwen ka ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ aseɛ. Saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ wɔwe odwammaa no a burodo a mmɔreka nni mu ka ho a ahahan nwononwono bi ka ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan anwummere na wonni; apiti ne fan nwenenwene na wɔmfa nni:

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 9:11
7 Referencias Cruzadas  

Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ mo anaa mo asefoɔ mu bi ho kum wɔ efunu bi ho anaasɛ ɔwɔ akwantuo mu akyirikyiri a, ɔnni twam mma AWURADE ara.


Bosome yi da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, monni no ne berɛ mu; sɛdeɛ n’ahyɛdeɛ ne n’akwan nyinaa so na monnie.


Na wɔyɛɛ yeinom na twerɛsɛm a ɛse: Wɔmmmu ne dompe bi, no aba mu.


Nni mmɔreka paanoo nka ho; nnanson na di apiti, amanehunu paanoo, ɛfiri sɛ ɛherɛ so na wofirii Misraim asase soɔ, na woakae wo Misraim asase so fire da no, wo nkwa nna nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios