Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 7:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na n’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako a ano si nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na n’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako a ano si nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nneɛma a ɔde bae no yɛ: dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kuruwa kɛse bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nneɛma a ɔde baeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kyɛnsee bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na n'ayɛyɛde ne: dwetɛasanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako a ano si nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 7:13
23 Referencias Cruzadas  

Deɛ wɔmma nie: Obiara a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbena fa, sɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ, (dwetɛbena baako yɛ gera aduonu), dwetɛbena fa sɛ AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ.


Na sɛ obi de aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, n’ayɛyɛdeɛ no nyɛ esiam, na ɔngu so ngo, na ɔmfa ohwamfufuo nto so.


Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛpono no so nnoɔma, ne nyowa ne ne nyowaa ne ne nkuruwa ne ne nkoraa a wɔde bɛhwie.


Na yɛ ɛso nyowa ne nyowaa ne nkoraa ne nkuruwa a wɔde bɛhwie; sika amapa na fa yɛ.


Na wɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na.


Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara!


Ɛda no wɔbɛtwerɛ apɔnkɔ nnawa so sɛ: “KRONKRON MA AWURADE”! Na AWURADE fie nkukuo no bɛyɛ sɛ afɔrebukyia no anim nkoraa no;


Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu.


na nyaawa ne nsramma kukuwa, ne nkoraa ne nsenaa ne kanea nnua ne nyowaa ne nkuruwa no, deɛ ɛyɛ sika no sika ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe.


Na mekarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ne mmapɔmma ne Israel a wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛmaa soɔ no, mede mehyɛɛ wɔn nsa,


ne nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no. Na nnoɔma a Hiram yɛ maa Ɔhene Salomo de maa AWURADE fie no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.


ne nsugyeɛ nnaka du no so nnwaresɛn du no,


gye obiara dwetɛbena nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ na gyeɛ, gera aduonu nyɛ dwetɛbena baako;


Na wo boɔ a wobɛbɔ nyinaa nyɛ sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ; gera aduonu yɛ dwetɛbena baako.


Na ɛboɔ a bɔ nie: Ɔbarima a wadi mfirinhyia aduonu de kɔsi mfeɛ aduosia, ɛboɔ a bɔ nyɛ nnwetɛbena aduonum sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ no.


Na deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ baa da a ɛdi kan ne Aminadab ba Nahason a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no.


sika ayowa baako a ano si nnwetɛbena du a aduhwam ayɛ no ma;


N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;


ɛnneɛ deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE no, ɔmfa aduane afɔdeɛ nso mmra, esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre


Na fa esiam olonka abupɛn du mu baako yɛ aduane afɔdeɛ a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre.


ɛsono bosome foforɔ so hyeɛ afɔdeɛ, ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne ɛho ahwiesa sɛdeɛ ɛteteɛ; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios