Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 6:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 N’ahotua bɔhyɛ nna nyinaa mu no yiwan biara nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkɔsi sɛ nna a ɔtuaa ne ho maa AWURADE no bɛwie duro; ɔnsi atimum.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 N’ahotua bɔhyɛ nna nyinaa mu no yiwan biara nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkɔsi sɛ nna a ɔtuaa ne ho maa AWURADE no bɛwie duro; ɔnsi atimum.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Saa bere no mu no, ɛnsɛ sɛ oyi ne tinwi, efisɛ ɔyɛ kronkron na wɔatew ne ho ama Awurade; ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tinwi fuw no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Saa ɛberɛ no mu no, ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron na wɔate ne ho ama Awurade; ɛno enti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tirinwi fu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 N'ahotua bɔhyɛnna nyinaa mu no oyiwan bi nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkosi sɛ nna a otuaa ne ho maa AWURADE no bewie du; onsiw atimum.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 6:5
9 Referencias Cruzadas  

Na wɔnnyiyi wɔn ti, nso wɔnnsi atimum, bubuo nko na wɔmmubu wɔn tiri soɔ.


n’ahotua nna nyinaa mu, biribiara a wɔde bobe ho biribi ayɛ, ne nsoeɛ mu aba oo, ne hono oo, ɔnnni.


Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛree kakra ara yie no, ɔkraa anuanom no, ɔfirii hɔ faa nsuo ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na ɔyii ne ti wɔ Kenkrea; ɛfiri sɛ na wadi nseɛ.


Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.


ɛnna ɔyii n’akoma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Yiwan nkaa m’atifi da, ɛfiri sɛ Nyankopɔn hotuafoɔ ne me firi me na yam; sɛ wɔyi me tiri a, na m’ahoɔden bɛfiri me ho, na mahodwo mayɛ sɛ onipa biara.


Na ɔdedaa no ne nankoroma so, na ɔfrɛɛ ɔbarima bi maa no bɛyii ne tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson no, na ɔfirii aseɛ brɛɛ no ase, na n’ahoɔden no firii ne ho kɔe.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios