Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 6:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 ɛnneɛ ɔntua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a emu ka ne nsa a emu ka, na adeɛ biara a wɔde bobe aba ayɛ nso, ɔnnnom, na bobe aba mono ne dwane nso, ɔnnni;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 ɛnneɛ ɔntua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a emu ka ne nsa a emu ka, na adeɛ biara a wɔde bobe aba ayɛ nso, ɔnnnom, na bobe aba mono ne dwane nso, ɔnnni;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 ɛno akyi, saa bere a ɔwɔ ahotew no mu no, onni ho kwan sɛ ɔnom nsa a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsa a emu kaw.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ɛno akyi, saa ɛberɛ a ɔwɔ ahoteɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔnom nsã a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsã a emu ka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 ɛnne ontua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a akaw ne nsa a akaw, na ade biara a wɔde bobe aba ayɛ nso, ɔnnnom, na bobe aba momono ne guanee nso, onnni;

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 6:3
15 Referencias Cruzadas  

Wo ne wo mma nyinaa, ansa na mobɛhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsa biara, na moanwuwu. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Na mememaa mo mma binom so mesisii adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom meyeyɛɛ ahotuafoɔ. Ɛnte saa, O Israelfoɔ? AWURADE asɛm nie.


Nanso momaa ahotuafoɔ nsa nomee na mohyɛɛ adiyifoɔ sɛ: Monnhyɛ nkɔm!


n’ahotua nna nyinaa mu, biribiara a wɔde bobe ho biribi ayɛ, ne nsoeɛ mu aba oo, ne hono oo, ɔnnni.


Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo.


Na monhwɛ mo ho yie, na adidie mmorosoɔ ne nsaborɔ ne nkwa yi mu nnoɔma ho dadwene ne haw anhyɛ mo akoma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim sɛ fidie,


Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


Monyi mo ho mfiri bɔne su nyinaa ho.


Nnom nsuo nko bio, na wo yafunu ne wo mmerɛ a wotaa yɛ no nti, nom bobesa kakraa bi!


na ɛne nnuane ne anonneɛ ne adware ahodoɔ yɛ honam nsiesieeɛ nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkɔduru berɛ a wɔahyɛ ato hɔ no.


Ɔnnni adeɛ biara a ɛfiri bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na adeɛ biara a ɛho nteɛ nso, ɔnnni; deɛ mahyɛ no nyinaa, ɔnni so.


Na afei hwɛ yie, na nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios