Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 6:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔntua ne ho adeɛ mma AWURADE n’ahotua nna no, na ɔmfa odwanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodie ho afɔdeɛ; na kane nna no ayera, ɛfiri sɛ n’ahotua no ho agu fi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔntua ne ho adeɛ mma AWURADE n’ahotua nna no, na ɔmfa odwanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodie ho afɔdeɛ; na kane nna no ayera, ɛfiri sɛ n’ahotua no ho agu fi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nna dodow a odii wɔ ne bɔhyɛ a edi kan no mu no nyinaa ahyew agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforo de afi ase, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ afɔdi ho afɔre.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nna dodoɔ a ɔdii ne bɔhyɛ a ɛdi ɛkan no so no nyinaa ahye agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforɔ de afiri aseɛ, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na ontua ne ho ade mma AWURADE n'ahotua nna no, na ɔmfa oguanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodi ho afɔre; na kan nna no ayera, efisɛ n'ahotua no ho agu fi.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 6:12
12 Referencias Cruzadas  

Adwammaa a ɔnni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nnwanten anaa mmirekyie mu.


Nanso sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ ne akyiwadeɛ nyinaa a ɔbɔnefoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Ne tenenee a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu na ɔbɛwuo.


Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwanten ba no ne ngo toa ma no, na ɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim.


na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, nnwan mu ɔbedeɛ, odwanten anaa abirekyie, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.


Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma no sɛ efunu no nti wafom, na ɔnyɛ ne tiri kronkron bio da no ara.


Na yei ne ahotuafoɔ ho mmara: Ɛda a n’ahotua nna wie duro no, wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan ano,


Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no.


Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.


Na deɛ ɔbɛdi mmara no soɔ na ɔbɛto baako mpo no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.


Monhwɛ mo ho yie, na moanhwere deɛ yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios