Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 4:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Momma wɔntwa Kohatfoɔ mmusua mu abusuakuo no mmfiri Lewifoɔ mu, na yei na monyɛ mma wɔn,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Momma wɔntwa Kohatfoɔ mmusua mu abusuakuo no mmfiri Lewifoɔ mu, na yei na monyɛ mma wɔn,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 “Monhwɛ sɛ wɔrentwa Kohatfo abusuakuw no mfi Lewifo mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 “Monntwa Kohatfoɔ abusuakuo no mfiri Lewifoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Momma wontwa Kohatfo mmusua mu abusuakuw no mmfi Lewifo mu, na eyi na monyɛ mma wɔn,

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 4:18
13 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.


Obiara a ɔbɛfra bie a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔhoɔ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Obiara a ɔbɛyɛ bie a ɛte sɛ ɛno ahua ahwɛ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Na wo yerenom nyinaa ne wo mma nso, wɔde wɔn bɛfiri adi akɔma Kaldeafoɔ no, na wo nso, woremfiri wɔn nsa mfi, na Babel hene nsa bɛsɔ wo mu, na wɔde ogya bɛhye kuro yi.


na asase buee n’ano menee wɔn ne wɔn afie ne nnipa a wɔkaa Kora ho no nyinaa ne wɔn ade nyinaa;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no sane bra Adanseɛ no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma asoɔdenfoɔ no, na woatwa wɔn anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no so, na wɔanwuwu.


Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma no ne afɔrebukyia no ho nnwuma no, na abufuhyeɛ bi amma Israelfoɔ no so bio.


Na Kohat deɛ ne Amramfoɔ abusua, Iseharfoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua ne Usielfoɔ abusua; yeinom ne Kohatfoɔ mmusua no.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:


na wɔanya nkwa na wɔanwuwu sɛ wɔabɛn akronkronneɛ mu ade kronkron no: Aaron ne ne mma no nhyɛne mu, na wɔmfa wɔn nsisi wɔn adwuma ne wɔn asɛdeɛ ho;


Na ɔkumm Bet-semesfoɔ no mu bi sɛ wɔahwɛ AWURADE adaka no mu, na ɔkumm ɔman no mu nnipa aduɔson ne nnipa mpem aduonum. Na ɔman no dii abooboo sɛ AWURADE de ekum kɛseɛ akum ɔman no mu nnipa bie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios