Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 32:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Gye Kenisini Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua, ɛfiri sɛ wɔn na wɔadi AWURADE akyiri nokorɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Gye Kenisini Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua, ɛfiri sɛ wɔn na wɔadi AWURADE akyiri nokorɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 ɔbaako mpo nni hɔ, gye Kenesini Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Agye Kenesini Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua na wɔnka ho, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Gye Kenisini Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua, efisɛ wɔn na wɔadi AWURADE akyi nokware mu.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 32:12
8 Referencias Cruzadas  

Gye Yefune ba Kaleb, ɔno na ɔbɛhunu, na ɔno na mede asase a ɔtiaa soɔ no bɛma no ne ne mma, ɛfiri sɛ wadi AWURADE akyi.


morennuru asase a memaa me nsa so mekyerɛɛ sɛ mede mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.


Na m’akoa Kaleb deɛ, sɛ honhom a ɛso wɔ ne mu na wadi m’akyi awie nti, mede no bɛduru asase a ɔkɔɔ soɔ no so, na n’asefoɔ adi so.


ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ wuo na wɔbɛwuwu serɛ soɔ, na wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua nko.


Me kra bata wo ho di w’akyi, wo nsa nifa sɔ me mu.


mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,


Ɛnna Kaleb nua Kenas ba Otniel kɔfaeɛ, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios