Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 32:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Ruben mma ne Gad mma no wɔ mmoa pii a wɔdɔɔso pa ara, na wɔhunuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, na ɛhɔ yɛ baabi a ɛyɛ ma mmoa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Ruben mma ne Gad mma no wɔ mmoa pii a wɔdɔɔso pa ara, na wɔhunuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, na ɛhɔ yɛ baabi a ɛyɛ ma mmoa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Ruben ne Gad mmusuakuw no wɔ nyɛmmoa pii, enti wuhuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no beye ama wɔn nguan ne anantwi no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Ruben ne Gad mmusuakuo no wɔ nyɛmmoa pii, enti wohunuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no bɛyɛ ama wɔn nnwan ne anantwie no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Ruben mma ne Gad mma wɔ mmoa pii a ɛdɔɔso pa ara, na wohuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, ɛhɔ yɛ baabi a eye ma mmoa.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 32:1
30 Referencias Cruzadas  

Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa, dwetɛ ne sika mu.


Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nnwan ne anantwie ne ntomadan.


Na Lea nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ruben, na ɔse: AWURADE ahwɛ m’amaneɛ, na afei deɛ, me kunu bɛdɔ me.


Na wɔka kyerɛɛ Farao bio sɛ: Yɛaba sɛ yɛrebɛtena asase yi so, ɛfiri sɛ wo nkoa nnya adidibea mma wɔn nnwan, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛ den wɔ Kanaan asase so. Enti afei yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asase so.


Na wɔkɔtwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kuro bi a ɛda Gad subonhwa no mu a ɛkyerɛ Yaser no nifa,


na wɔkɔɔ Gilead ne anafoɔ Hodsi asase so, na wɔkɔɔ Dan-yaan ne Sidon.


Ɛnna yeinom a wɔatwerɛ wɔn din no kɔeɛ, Yudahene Hesekia berɛ so, kɔtoaa Maonfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no ne wɔn ntomadan, na wɔsɛee wɔn pasapasa de bɛsi nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn ananmu, ɛfiri sɛ na adidibea wɔ hɔ ma wɔn nnwan.


Na afrafrafoɔ pii nso ne wɔn kɔe, ne nnwan ne anantwie, mmoa pii pa ara.


Na sɛ AWURADE ka fa Yuda hene fie ho nie: Woyɛ me sɛ Gilead, ne Lebanon atifi, nanso mɛdane wo anwea pradada so, nkuro a wɔnte mu!


Mede Yaser su no bi mesu wo, O Sibma obobe. Wo mman atra ɛpo, akɔduru Yaser po ano. Wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so na ɔsɛefoɔ no aba,


na mede Israel asane aba n’asase so, na wabɛdidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bɛpɔ so ne Gilead.


Aduhwam biara nni Gilead, anaasɛ ɔyaresafoɔ biara nni hɔ? Na adɛn nti na wɔnnya nsaa me man babaa no yadeɛ?


Fa wo poma yɛne wo man, w’agyapadeɛ nnwan a wɔn nko ara te kwaeɛm, Karmel atifi no. Ma wɔnnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.


Na Mose somaa maa wɔkɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkuraa, na ɔtuu Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.


Na Gad mma ne Ruben mma no ba bɛka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mu mmapɔmma no sɛ:


Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa ntena Gilead nkuro mu hɔ;


Nkuro Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon,


ne Atrot-sofan ne Yaser ne Yogbeha,


ɔno na ɔyii deɛ ɛdi kan faeɛ, na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfoɔ no kyɛfa; na ɔnam di ɔman no atitire mu, ɔyɛ AWURADE teneneedeɛ ne n’atemmudeɛ wɔ Israel.


Na wɔn hyeɛ ne Yaser ne Gilead nkuro no nyinaa, ne Amonfoɔ asase fa, de kɔsi Aroer a ɛda Raba anim no,


Na Israelfoɔ no somaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas maa no kɔɔ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa nkyɛn Gilead asase so,


Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no firii Israelfoɔ no nkyɛn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ sane wɔn akyiri sɛ wɔrekɔ Gilead asase so, wɔn sodie asase a wɔnam AWURADE ahyɛdeɛ a ɛnam Mose soɔ no so de maa wɔn no.


Na deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase.


Adɛn nti na wote nnwammuo no ntam retie akuakuo no mu mmɛnhyɛn? Ruben asuwa no ano na akoma mu mpeepeemu akɛseɛ wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios