Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 3:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Fa Lewi abusuakuo no bra na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔnsom no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Fa Lewi abusuakuo no bra na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔnsom no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Frɛ Lewifo no, na fa wɔn ma ɔsɔfo Aaron sɛ nʼaboafo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Frɛ Lewifoɔ no, na fa wɔn ma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ nʼaboafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Fa Lewi abusuakuw no bra, na fa wɔn begyina ɔsɔfo Aaron anim, na wɔnsom no,

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 3:6
18 Referencias Cruzadas  

Afei Dawid kaa sɛ obiara nnsoa Nyankopɔn adaka no sɛ Lewifoɔ no ara nko, na wɔn na AWURADE ayi wɔn sɛ wɔnsoa Nyankopɔn adaka no, na wɔnsom no daa.


Na wɔn adwuma ne sɛ wɔhwɛ Aaron mma no nsa ano, sɛ wɔnsom AWURADE fie n’abannwa so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronneɛ no nyinaa ho mfi, na wɔnyɛ Nyankopɔn fie som adwuma,


na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no, mfa nsom AWURADE fie.


Na yeinom ne wɔn a wɔgyinaa hɔ ne wɔn mma no: Kehat mma no mu: Ɔdwontoni Heman, Yoel ba, Samuel ba,


Me mma, afei monnyɛ aniha, na mo na AWURADE ayi mo sɛ monnyina n’anim nsom, na monyɛ no asomfoɔ ne aduhwamhyefoɔ.


Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn akuakuo so, ne Lewifoɔ no, wɔn nkyekyɛmu so maa Nyankopɔn som Yerusalem, sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no Mose nwoma no mu no.


na mobɛhunu sɛ me na mesoma maa wɔde mmara yi brɛɛ mo sɛ ɛnyɛ me ne Lewi apam, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na Lewifoɔ no deɛ, wɔn som a wɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nti, hwɛ, mede Israel mu ntotosoɔ du du nyinaa mama wɔn sɛ agyapadeɛ.


Afei ahyiaeɛ ntomadan no ne Lewifoɔ nsraban no ntu nni nsraban ahodoɔ no ntam. Sɛdeɛ wɔkyere nsraban no, saa ara na wɔntuo, wɔn nyinaa wɔ wɔn dibea sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ.


Na Lewifoɔ no deɛ, wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Saa berɛ no na AWURADE yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wɔnnyina n’anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, a wɔayɛ de abɛduru nnɛ da yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios