Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 3:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa, si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Lewifo no bɛyɛ me de. Ma wonsi Israelfo mmakan nyinaa anan mu, na Lewifo nyɛmmoa mmakan nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Lewifoɔ no bɛyɛ me dea. Ma wɔnsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu, na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 na fa Lewifo ma me, mene AWURADE fa si Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifo afieboa, si Israelfo afieboa mmakan nyinaa ananmu.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 3:41
10 Referencias Cruzadas  

Adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo deɛ; nnipa mmakan ne afieboa a wɔn ho nteɛ mmakan nso, wɔnhyɛ wɔn ananmu.


Na me deɛ, hwɛ, mafa Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ mu asi Israelfoɔ mu mmakan a wɔbue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifoɔ no ayɛ me dea.


Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.


Na Mose kan Israelfoɔ mu mmakan nyinaa sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.


Fa Lewifoɔ si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu ne Lewifoɔ afieboa si wɔn afieboa ananmu, na Lewifoɔ no nyɛ me dea: Mene AWURADE.


ɛfiri sɛ wɔn na mayi wɔn afiri Israelfoɔ mu; mede wɔn masi adeɛ a ɛbue yafunu ano nyinaa, Israelfoɔ mu mmakan nyinaa, ananmu mafa.


sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.


a ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa sɛ ɛnyɛ adanseɛ ɛberɛ a wɔahyɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios