Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 3:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 efisɛ abakan biara wɔ me. Bere a mikunkum mmakan wɔ Misraim no, migyaw Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 ɛfiri sɛ abakan biara wɔ me. Ɛberɛ a mekunkum mmakan wɔ Misraim no, megyaa Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, efi onipa so kosi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 3:13
16 Referencias Cruzadas  

na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,


yi adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ma AWURADE, na w’afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wɔbue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.


Na Farao pirim n’akoma na ɔmpene sɛ ɔbɛma yɛakorɔ no, AWURADE kumm Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa mmakan so kɔsi afieboa mmakan so. Ɛno nti na me nso mede anini a ɛbue yafunu ano no nyinaa mebɔ AWURADE afɔdeɛ, nanso me mma mu mmakan nyinaa deɛ, mesesa agye wɔn.


Yɛ mmakan nyinaa, Israelfoɔ mu adeɛ biara a ɛbue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.


Wo nnɔbaeɛ ne wo nnuaba mu nsuo a ɛdi kan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me.


Adeɛ biara a ɛbue ɔyafunu ano no ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwie oo, odwan oo, me dea.


Na nnoɔma nyinaa mu aba a ɛdi kan mfitiaseɛ no, ne nnoɔma nyinaa mu mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a moma soɔ nyinaa no, ɛnyɛ asɔfoɔ no dea; na mo mmɔre mu deɛ ɛdi kan no, momfa mma ɔsɔfoɔ, na nhyira mmra mo fie.


Na afieboa mu mmakan a wɔawo ama AWURADE no nko deɛ, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ AWURADE dea.


Adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo deɛ; nnipa mmakan ne afieboa a wɔn ho nteɛ mmakan nso, wɔnhyɛ wɔn ananmu.


Na me deɛ, hwɛ, mafa mo nuanom Lewifoɔ afiri Israelfoɔ no mu ama mo sɛ akyɛdeɛ a wɔde ama AWURADE, sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma no.


na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu.


na Misraimfoɔ resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.


(sɛdeɛ wɔatwerɛ Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a ɔbɛbue yafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,)


ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios