Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 28:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔdeɛ a momfa mmrɛ AWURADE nie: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyeɛ afɔdeɛ daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔdeɛ a momfa mmrɛ AWURADE nie: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyeɛ afɔdeɛ daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne aduan afɔre a ɛsɛ sɛ mode brɛ Awurade: nguamma abien a wɔadi afe a dɛm nni wɔn ho; momfa mmra sɛ daa ɔhyew afɔre.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, momfa nnwennini mma a wɔadi afe a wɔnni dɛm biara na ɛmmɔ Awurade afɔdeɛ no. Ɛda biara, momfa mmienu mmɔ afɔdeɛ. Mommɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔre a momfa mmrɛ AWURADE ni: Nguanten mma abien a wɔadi afe afe a wodi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyew afɔre daa yi.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 28:3
25 Referencias Cruzadas  

sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, mma AWURADE daa daa anɔpa ne anwummerɛ nyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara a ɔhyɛɛ Israel no mu nyinaa.


sɛdeɛ ɛhia da biara no, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, home nna deɛ ne abosome foforɔ deɛ; ne afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa a wɔhyɛ no afe biara, a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna ne asese nnapɔnna.


Na ɛno akyiri no, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne abosome foforɔ deɛ, ne AWURADE afahyɛ a wɔahyɛ no kronkron no nyinaa deɛ no ne wɔn a wɔde ayamyi adeɛ brɛɛ AWURADE no nyinaa deɛ nso.


Na ɔde asraafoɔ bɛsisi hɔ, na wɔagu kronkronbea ne aban no ho fi, na wɔayi daa afɔdeɛ no hɔ, na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman no asi hɔ.


Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi daa afɔdeɛ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron.


Na ɔmaa ne ho so kɔduruu asafo no safohene so, na ɔyii daa afɔdeɛ no firii n’anim, na wɔtoo ne kronkron tenabea hwee fam.


Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ no ka kyerɛɛ ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wɔntiatia soɔ no ho adehunu no bɛkɔ akɔsie?


Na Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so, mpae ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛgu ogya no so, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Hyɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ho mmara: Ɔhyeɛ afɔdeɛ no ntena asomurofi, afɔrebukyia no so anadwo mu nyinaa nkɔsi anɔpa, na wɔmma afɔrebukyia no so gya no nnɛre wɔ so.


Monkɔ Betel nkɔto mmara, monkɔ Gilgal mma mmarato nnɔɔso, na momfa mo kum afɔdeɛ mmra daa anɔpa, ne mo ntotosoɔ du du daa nnansa.


Homeda biara hyeɛ afɔdeɛ a ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no ho ne no.


Na wɔmfa ɔpapo baako nso mmɔ bɔne ho afɔdeɛ mma AWURADE nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho ne ɛho ahwiesa ho.


monyɛ yeinom nka anɔpa ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.


Saa ara na nnanson no mu da biara momfa aduane mmɛbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE; wɔnyɛ yei mpae daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no so.


monyɛ yei ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ no ho; monhwɛ sɛ wɔdi mu.


Adwammaa baako na fa bɔ anɔpa, na fa adwammaa baako no bɔ anwummerɛ deɛ.


ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako, ɛsono bɔne ho afɔdeɛ ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.


ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɛho aduane ne ɛho ahwiesa.


ɛsono bosome foforɔ so hyeɛ afɔdeɛ, ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne ɛho ahwiesa sɛdeɛ ɛteteɛ; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Na wɔsiesiee nnoɔma yi saa a, asɔfoɔ no kɔ ntomadan a wɔsi mu kane no mu daa kɔyɛ ɔsom ho nnwuma.


Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios