Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 26:53 - New Revised Asante Twi Bible

53 Yeinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wɔnni soɔ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

53 Yeinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wɔnni soɔ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

53 “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

53 “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

53 Eyinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wonni so, sɛ wɔn din dodow te.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 26:53
16 Referencias Cruzadas  

Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn,


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.


Na ɔde amanaman nsase maa wɔn, na wɔdii nkurɔfoɔ adwuma so adeɛ,


Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.


na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfoɔ ama yɛn Nyankopɔn, na wɔbɛdi asase so ahene.


Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.


Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahennie ne tumi ne kɛseyɛ bɛma Ɔsorosoroni akronkronfoɔ man; n’ahennie yɛ daa ahennie, na tumi nyinaa bɛsom no na atie no.


Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni soɔ, mo ne ananafoɔ a wɔabɛyɛ mo mu ahɔhoɔ a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapadeɛ so ntonto, Israel mmusuakuo no mu;


Wɔboa Asamando sɛ nnwan; Owuo hwɛ wɔn so, na teneneefoɔ bɛtiatia wɔn so anɔpa, na wɔn deɛ, Asamando bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio.


Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no.


Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Abusuakuo a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛdeɛ obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano teɛ, na wɔmma no n’agyapadeɛ.


Na momfa tontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuo no: Abusuakuo a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, momma ne kyɛfa nsua; deɛ obiara tonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne deɛ; monnyegye mo kyɛfa sɛdeɛ mo nananom mmusuakuo teɛ.


Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.


kaa sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma woɔ, sɛ wo agyapadeɛ a wɔakyɛ no susuhoma soɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios