Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 24:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɔkoto, ɔbutu sɛ gyata ne gyatabereɛ, hwan na ɔbɛma no asɔreɛ? Nhyira ne wɔn a wɔhyira woɔ, na nnome ne wɔn a wɔdome woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɔkoto, ɔbutu sɛ gyata ne gyatabereɛ, hwan na ɔbɛma no asɔreɛ? Nhyira ne wɔn a wɔhyira woɔ, na nnome ne wɔn a wɔdome woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wobutuw da sɛ gyata; te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn? “Wobehyira wɔn a wohyira wo, na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Israel butu hɔ sɛ gyata; ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no? “Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo, na nnome nka obiara a ɔdome wo.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɔkotow, obutuw sɛ gyata ne gyatabere, hena na ɔbɛma wasɔre? Nhyira ne wɔn a wohyira wo, na nnome ne wɔn a wɔdome wo.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 24:9
21 Referencias Cruzadas  

Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.


Aman nsom wo, na nkurɔfoɔ nkoto wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkoto wo. Wɔadome wɔn a wɔdome woɔ, na wɔahyira wɔn a wɔhyira woɔ.


Gyata ba ne Yuda; hanam so na wode anyini, me ba. Ɔkotoe, ɔbutuu sɛ gyata ne gyatabereɛ; hwan na ɔbɛhwanyan no?


Na agyata dummienu gyinagyina ntwedeɛ nsia no so ha ne ha; ɛso bi nni ahennie biara mu.


na adwa no wɔ ntrapoe nsia, na sika ntiasoɔ wɔ adwa no ho a wɔabobɔ mu, na nsa wowɔ ɛha ne ha, atenaeɛ no ho, na agyata mmienu gyinagyina nsa no ho;


Na Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa; na n’anyansafoɔ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ rehwe ase n’anim yi firi Yudafoɔ asefoɔ mu deɛ a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim.


Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no, na hwan ne deɛ ɔbɛtumi agyina n’anim?


Monsrɛ ma Yerusalem asomdwoeɛ, ɛnsi w’adɔfo yie.


Momfa nidie mapa mma no, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuo adɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.


Na sɛ ampa ara wotie ne nne na woyɛ deɛ meka nyinaa a, ɛnneɛ mɛyɛ w’atamfo tamfoɔ na mahiahia w’ahohiahiafoɔ ho.


Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Sɛdeɛ gyata bobom na gyataburuwa su ne hanam soɔ, na wɔfrɛ mmoahwɛfoɔ pii ara ba ne so a, wɔn nne mma no mmɔ binim, na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo AWURADE bɛduru sɛ ɔrebɛdi ako wɔ Sion bepɔ ne ne kokoɔ soɔ.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu mmoa mu gyata, amanaman mu, aman bebree mu, sɛ nnwan akuakuo mu gyataburuwa a ɔsene ba a ɔtiatia soɔ na ɔtete mu a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne wɔn nnkɔ; nkɔdome ɔman no, na wɔahyira wɔn.


Na afei bra bɛdome ɔman no ma me, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene me, sɛ ebia mɛtumi maku wɔn, na mapamo wɔn afiri asase yi so anaa; na menim sɛ deɛ wohyira no no, wɔahyira no, na deɛ wodome no no, wɔadome no.


Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabereɛ, na ɔma ne ho so sɛ gyata: Ɔremmutu, gye sɛ wadi bɔnam, na wanom atɔfoɔ mogya ansa.


Ɛnna Balak bo fuu Bileam, na ɔbɔɔ ne nsam; na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: M’atamfoɔ nnome nti na mehyiaa woɔ, na hwɛ, nhyira na woahyira wɔn mprɛnsa yi.


Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.


Ɛnna ɔbɛbua wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewa yi mu baako yi, moanyɛ amma me.


Ɛnna ɔse: Ɛyɛ wo hwan a, Awurade? Na ɔse: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.


Na AWURADE wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛgu w’atamfo ne wɔn a wɔkyiri woɔ a wɔtaa woɔ no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios