Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 24:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Onyankopɔn na ɔyii no firii Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ. Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n’atamfo, na wadwerɛ wɔn nnompe, na ɔde n’agyan awowɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Onyankopɔn na ɔyii no firii Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ. Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n’atamfo, na wadwerɛ wɔn nnompe, na ɔde n’agyan awowɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae; wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi. Wɔsɛe atirimɔdenfo aman na wobubu wɔn nnompe mu asinasin, wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba; ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie. Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa, ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini, ɔto bɛmma wowɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Onyankopɔn na oyii no fii Misraim, n'ahoɔden te sɛ ɛkoɔ de. Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n'atamfo, na wadwerɛw wɔn nnompe, na ɔde n'agyan awowɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 24:8
18 Referencias Cruzadas  

Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.


Na wobɛma wɔasane wɔn akyi, wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim.


W’agyan ano yɛ nnam, aman bɛhwehwe ase w’anim, ɛwɔ ɔhene atamfoɔ akoma mu.


Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daa daa, w’ahennie poma yɛ tenenee poma.


Na sɛ ampa ara wotie ne nne na woyɛ deɛ meka nyinaa a, ɛnneɛ mɛyɛ w’atamfo tamfoɔ na mahiahia w’ahohiahiafoɔ ho.


Mesui pɛɛ mmoa kɔsii anɔpa, ɔbubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata: Worewie me da koro adesaeɛ.


Israel yɛ odwanten a wayera a agyata apam no korɔ; akane no, Asiriahene na ɔtetee ne mu, na akyire yi, ne nnompe mpo, Babelhene Nebukadnessar abubu mu.


Na hwɛ, me na mɛnyane amanaman akɛseɛ asafo ama wɔafiri atifi fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wɔbɛfiri afa no; wɔn agyan te sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsane n’akyiri kwa.


Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn.


Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.


Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.


Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabereɛ, na ɔma ne ho so sɛ gyata: Ɔremmutu, gye sɛ wadi bɔnam, na wanom atɔfoɔ mogya ansa.


na ɔwɔ hɔ ara kɔsii sɛ Herode wuiɛ; na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afiri Misraim.


Mɛboaboa mmusuo ano agu wɔn so, mɛhwere m’agyan wɔ wɔn so.


Mɛma m’agyan aboro mogya, na me nkrantɛ adi nam, atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya, ɔtamfoɔ tiri a apɛsɛ no.


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,


Na yɛate sɛdeɛ mo Misraim fire mu no AWURADE maa Mmɛwa Po mu nsuo wee wɔ mo anim ne deɛ moyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasapasa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios