Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 24:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛyere sɛ asubɔnka, sɛ asuo ho nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛ, te sɛ nsuo ho ntweneduro.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛyere sɛ asubɔnka, sɛ asuo ho nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛ, te sɛ nsuo ho ntweneduro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Ɛtrɛtrɛw sɛ abon, sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho. Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua, te sɛ sida a esisi nsu ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo, te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho. Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua, te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛyerɛw sɛ asubon, sɛ asu so nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛw, te sɛ nsu so nkyeneduru.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 24:6
16 Referencias Cruzadas  

Na Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan kanko nyinaa de kɔsi Soar hunuu sɛ ne nyinaa so wɔ nsuo te sɛ AWURADE turo no, te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.


Wɔma AWURADE nnua nso mee, Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.


Kurobo ne pɛprɛ ne bɛwewonua yi hwa wo ntadeɛ nyinaa mu, sankuo a wɔbɔ no asommɛn aban mu ma w’ani gye.


Mesiane mekɔɔ adwe turo mu, sɛ merekɔhwɛ bonhwa mu nhahamma frɔmfrɔm, sɛ merekɔhwɛ sɛ obobe afefɛ, sɛ atoaa gu nhyerɛne anaa?


mɛma ntweneduro, okuo, ohwamma ne ngo nnua aba ɛserɛ so; mɛma pepeaa, asɛsɛ ne kwabɔhorɔ abom asisi anwea pradada so,


Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa nyinaa, na ɔde nnepa amee wo kra, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsuo sene wɔ mu ne nsuo aniwa a emu nsuo nni hwammɔ.


Ma m’ataafoɔ ani nwuwu, na me deɛ, mma m’ani nnwu; wɔn deɛ, ma wɔn akoma ntu, na me deɛ, mma m’akoma nntu; fa da bɔne no bra wɔn so, fa obubuo mmɔho bubu wɔn.


Na wɔbɛba abɛto ahurisie dwom, Sion sorɔnsorɔnbea hɔ, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduane ne nsa ne ngo ne nnwammaa ne anantwie ho, na wɔn asetena ayɛ sɛ turo a anya nsuo pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.


Na asuo no nsunoa ha ne ha na nnua a wɔdie ahodoɔ nyinaa bɛfiri; n’ahahan rempo, na n’aba rensa, ɛbɛso n’abosome mu, ɛfiri sɛ ne nsuo no, kronkronbea na ɛfiri sene. Na n’aba bɛyɛ aduane, na n’ahahan ayɛ aduro.


Na ɛda no, mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ asene nufosuo, na nsuo asene Yuda mmonhwa nyinaa mu; na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.


Sɛdeɛ wo ntomadan si yɛ fɛ, O Yakob, wo tenabea no, O Israel!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios