Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 24:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na afei dwane kɔ deɛ wofire! Mekaa sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, na hwɛ, AWURADE asi w’animuonyam ho kwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na afei dwane kɔ deɛ wofire! Mekaa sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, na hwɛ, AWURADE asi w’animuonyam ho kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na afei guan kɔ nea wufi! Mekae sɛ anka mɛhyɛ wo anuonyam, na hwɛ, AWURADE asiw w'anuonyam ho kwan.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 24:11
10 Referencias Cruzadas  

na mɛhyɛ wo animuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ: Enti bra ara na bɛdome ɔman yi ma me.


Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ soma na mesomaa sɛ wɔmmɛhyia wo mmra? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? Wonnye nni sɛ mɛtumi ahyɛ wo animuonyam anaa?


Ɛnna Balak bo fuu Bileam, na ɔbɔɔ ne nsam; na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: M’atamfoɔ nnome nti na mehyiaa woɔ, na hwɛ, nhyira na woahyira wɔn mprɛnsa yi.


Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ w’abɔfoɔ a wosomaa wɔn me nkyɛn no nso sɛ:


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne wo sika nyinaa nyera, ɛfiri sɛ woasusu sɛ wɔde sika na ɛnya Nyankopɔn akyɛdeɛ.


Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,


Monhwɛ mo ho yie, na moanhwere deɛ yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios