Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 23:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, “San kɔ Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Awurade de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anom sɛ: San kɔ Balak nkyɛn, na sɛnea kasa ne no.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 23:5
14 Referencias Cruzadas  

Na kasa kyerɛ no, na fa nsɛm no hyɛ n’anomu; na me deɛ, mɛdi w’ano ne n’ano akyi, na makyerɛ mo deɛ monyɛ.


Akoma mu nhyehyɛɛ yɛ onipa dea, na tɛkyerɛma mmuaeɛ firi AWURADE.


Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho, na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn.


Na mede me nsɛm mahyɛ w’anomu, na mede me nsa ase nwunu makata wo so, na matrɛ ɔsoro mu na mato asase fapem, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.


Na me deɛ, yei ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ɔseɛ: Me honhom a ɛwɔ wo soɔ no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anomu no, ɛremfiri w’anomu ne w’asefoɔ anomu ne w’asefoɔ asefoɔ anomu, AWURADE na ɔseɛ, ɛfiri sesɛɛ de bɛkɔ akɔsi daa.


Na AWURADE tenee ne nsa kaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Afei mede me nsɛm mahyɛ w’anomu.


Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ hyia na mmarima yi bɛhyiaa woɔ a, sɔre na ɛne wɔn nkɔ; nanso asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na di soɔ.


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne mmarima no nkɔ; na asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na ka. Na Bileam ne Balak atitire no sii mu kɔe.


Na AWURADE bɛhyiaa Bileam, na ɔde asɛm hyɛɛ n’anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.


Na Onyankopɔn bɛhyiaa Bileam, na Bileam kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔrebukyia nson, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ w’afɔrebukyia biara so.


Na ɔsane kɔɔ ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, ɔno ne Moab atitire nyinaa.


ɛfiri sɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.


Na yei deɛ, ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaeɛ, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebɛwu ama ɔman no,


Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios