Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 23:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson fa brɛ me ha.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson fa brɛ me ha.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Si afɔremuka ason wɔ ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn bɔ afɔdeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔremuka ason ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini ason ne adwennini ason fa brɛ me ha.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 23:1
19 Referencias Cruzadas  

Na sɛ moka kyerɛ me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia, na wase Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem yi anim na monsɔreɛ?


Na Onyankopɔn boaa Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini nson ne adwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.


Na wɔde anantwinini nson ne adwennini nson ne nnwammaa nson ne mpapo nson kɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ maa ahennie no ne kronkronbea no ne Yuda. Na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfoɔ no, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ AWURADE afɔrebukyia no so.


Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.


Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn.


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.


Na afahyɛ nnanson no nyinaa, ɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE, anantwinini nson ne adwennini nson a ɛdɛm nni wɔn ho, nna nson no mu da biara, ne bɔne ho afɔdeɛ nso, ɔpapo baako;


Na adeɛ kyeeɛ no, Balak faa Bileam, na ɔde no foro kɔɔ Baal sorɔnsorɔmmea so; na ɔfiri hɔ hunuu ɔman no ano.


Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ hyeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no biara so.


Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na fa anantwinini nson ne adwennini nson brɛ me ha.


Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam kaeɛ no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.


Na da a ɛtɔ so nson no; anantwinini nson, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu.


Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios