Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 20:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na adɛn nti na moyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba deɛ ɛnyɛ yi, deɛ wɔntumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne atoaa nnie, na nsuo mpo a wɔnom nnie yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na adɛn nti na moyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba deɛ ɛnyɛ yi, deɛ wɔntumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne atoaa nnie, na nsuo mpo a wɔnom nnie yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Adɛn nti na muyii yɛn fii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atoko ne bobe nni asase yi so. Nsu a yɛbɛnom nso nni ha.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Adɛn enti na moyii yɛn firii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atokoɔ, bobe ne ateaa nni asase yi so. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɛdɛn nti na muyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba nea enye yi, nea wontumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne ateaa nni, na nsu po a wɔnom nni yi?

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 20:5
8 Referencias Cruzadas  

Nso womfaa yɛn mmaa asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so, na wommaa yɛn mfuo ne nturo sɛ yɛnni so; na mmarima yi aniwa na worebɛtutuo? Yɛremma!


Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn ɛserɛ so wɔ Misraim asase soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na wɔanka sɛ: AWURADE a ɔyii yɛn firii Misraim asase soɔ, na ɔmaa yɛfaa serɛ soɔ, nkyɛkyerɛ ne amena asase soɔ, pɛsɛɛyɛ ne esum kabii asase soɔ, asase a obi mfa soɔ na onipa bi nte soɔ no wɔ hen?


Kɔ na kɔpae gu Yerusalem aso mu sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mekae wo mmabaaberɛ mu adɔeɛ, w’ayeforɔ berɛ mu dɔ no, m’akyiri a wodiiɛ wɔ ɛserɛ soɔ, asase a wɔnnua so adeɛ no so.


Na wohwɛɛ wɔn mfirinhyia aduanan ɛserɛ no so: Anhia wɔn, wɔn ntadeɛ ansunsuane, na wɔn nan anhonhon.


ɔno na ɔdii w’anim de wo faa ɛserɛ kɛseɛ a awɔ a wɔn ano wɔ borɔ ne anyanyankyerɛ wɔ, ne nkyɛkyerɛ a nsuo nni hɔ so; ɔyii nsuo firii ɔbohemmaa botan mu maa wo;


Aka kakraa bi na Aaron ati ne mpanimfoɔ wɔ asamando, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho.


ɛfiri sɛ moyɛɛ m’asɛm ho asoɔden Sin serɛ so, asafo no ham mu a anka ɛsɛ sɛ moyɛ me kronkron, nsuo no ho wɔ wɔn ani soɔ no. (Ɛne ɔham nsuo no wɔ Kades, Sin serɛ so.)


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios