Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 20:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa baa Sin serɛ so, bosome a ɛdi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wuu wɔ hɔ, na wɔsiee no hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa baa Sin serɛ so, bosome a ɛdi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wuu wɔ hɔ, na wɔsiee no hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Israelfo no nyinaa duu Sin sare so ɔsram a edi kan no mu, na wɔtenaa Kades. Ɛhɔ na Miriam wu maa wosiee no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Israelfoɔ no duruu Sin ɛserɛ so bosome a ɛdi ɛkan no mu. Wɔsisii wɔn ntomadan wɔ Kades, na ɛhɔ na Miriam wuiɛ ma wɔsiee no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo asafo mu no nyinaa baa Sin sare so, ɔsram a edi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wui wɔ hɔ, na wosiee no hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 20:1
23 Referencias Cruzadas  

Na wɔsane baa Enmispat, (ɛne Kades), na wɔkaa Amalekfoɔ asase nyinaa ne Amorifoɔ nso a wɔte Haseson-tamar no gui.


AWURADE nne ma ɛserɛ so hɔ him, AWURADE ma Kades serɛ so hɔ po.


Na odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa akasae kurae, na mmaa no nyinaa de akasae ne asa firi dii n’akyi.


Na ne nuabaa kɔgyinaa akyirikyiri sɛ ɔrehwɛ deɛ ɛbɛyɛ no.


Ɛnna ne nuabaa no ka kyerɛɛ Farao babaa no sɛ: Menkɔ menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no mu nufomafoɔ bi memmrɛ wo, na ɔmmɛma akɔkoaa no nufoɔ mma wo anaa?


Na ɛhyeɛ a ɛda anafoɔ fam hwɛ anafoɔ no: Ɛfiri Tamar kɔ Meribat-kades nsuo a ɛnam Misraim subonhwa no ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛhwɛ nifa, anafoɔ fam no.


Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.


Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni baa, ɛfiri sɛ na waware Kusni baa bi.


Na mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛmma. Na Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no, hwɛ, na wayare kwata.


Na wɔtoo Miriam mu nsraban no akyi nnanson. Na ɔman no antu kɔsii sɛ wɔde Miriam baa mu bio.


Na wɔsii mu kɔ kɔsraa asase no firi Sin serɛ so kɔsii Rehob, deɛ wɔnam kɔ Hamat no.


Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.


na yɛsu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfoɔ maa no bɛyii yɛn firii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kuro a ɛwɔ wo hyeɛ soɔ mu.


Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa tu firii Kades, na wɔbaa Hor bepɔ ho.


Na Mose yiyii Aaron ntadeɛ no de hyɛɛ ne ba Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no atifi hɔ. Na Mose ne Eleasa firii bepɔ no so sianee.


Na Amram yere din ne Yokebed, Lewi ba a wɔwoo no Misraim no; na ɔwoo Aaron ne Mose ne wɔn nuabaa Miriam maa Amram.


ɛfiri sɛ moyɛɛ m’asɛm ho asoɔden Sin serɛ so, asafo no ham mu a anka ɛsɛ sɛ moyɛ me kronkron, nsuo no ho wɔ wɔn ani soɔ no. (Ɛne ɔham nsuo no wɔ Kades, Sin serɛ so.)


Na wɔtu firii Esion-geber kɔkyeree nsraban Sin serɛ so, (ɛne Kades).


Ɛnna motenaa Kades dii nna pii, sɛdeɛ nna a mode tenaa hɔ teɛ no.


Na mfeɛ dodoɔ a yɛde nante firi Kades-barnea bɛsii sɛ yɛtwaa Sered asuwa no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe, bɛsii sɛ akofoɔ awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa wuwuiɛ firii nsraban no mu, sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no.


ɛfiri sɛ mofomm me Israelfoɔ mu, ɔham nsuo a ɛwɔ Kades, Sin serɛ soɔ ho, ɛsiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfoɔ mu.


na mmom wɔfiri Misraim no, Israel nantee ɛserɛ so kɔsii Mmɛwa Po ano, na wɔbaa Kades.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios