Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 19:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiaeɛ ntomadan no anim fam mprɛnson.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiaeɛ ntomadan no anim fam mprɛnson.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔsɔfo Eleasar de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiae Ntamadan no anim mpɛn ason.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Eleasa de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mprɛnson.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔsɔfo Eleasar mfa ne nsatea nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiae ntamadan no anim fam mpɛn asɔn.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 19:4
7 Referencias Cruzadas  

Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsateaa nka mpete mpata adwa no so anim fam, na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete mpata adwa no anim hɔ mprɛ nson.


na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete so mprɛ nson, na ɔnte ho nyɛ no kronkron mfiri Israelfoɔ no afideɛ mu.


na ɔmfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu mfa mpete mprɛnson, AWURADE anim, ntwamutam no anim,


na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mprɛnson, AWURADE anim, kronkronbea ntwamutam no anim.


ne Apam Foforɔ ntamgyinafoɔ Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yie sene Habel deɛ ho.


sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios