4 Mose 18:9 - New Revised Asante Twi Bible9 Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron9 Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 Aduan afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbu afɔrebɔ nyinaa mowɔ mu kyɛfa. Eyinom nyinaa yɛ afɔrebɔde a ɛyɛ kronkron pa ara. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm9 Aduane afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbuo afɔrebɔ nyinaa yɛ mo dea, agye emu bi a wɔhye no wɔ afɔrebukyia so de kyɛ Awurade no nko ara. Yeinom nyinaa yɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ kronkron pa ara. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON9 Akronkronne mu ade kronkron a efi ogya no mu no mu nea ɛnyɛ wo de ni: wɔn ayɛyɛde biara a wɔde ba, wɔn aduan afɔre biara, ne wɔn bɔne ho afɔre biara ne wɔn asodi ho afɔre biara a wɔde brɛ me no nyɛ akronkronne mu ade kronkron mma wo ne wo mma. Ver Capítulo |