Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 18:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma no ne afɔrebukyia no ho nnwuma no, na abufuhyeɛ bi amma Israelfoɔ no so bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma no ne afɔrebukyia no ho nnwuma no, na abufuhyeɛ bi amma Israelfoɔ no so bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Wo na ɛsɛ sɛ wohwɛ kronkronbea hɔ ne afɔremuka no so, na mʼabufuwhyew amma Israelfo no so bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Kae sɛ asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdi dwuma a ɛho te wɔ kronkronbea hɔ ne afɔrebukyia no so. Sɛ wodi saa mmara yi so a, Onyankopɔn abufuo no remma Israelfoɔ no so bio sɛ wɔabu mmara yi so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma ne afɔremuka no ho nnwuma no, na abufuhyew bi amma Israelfo so bio.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 18:5
25 Referencias Cruzadas  

Yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, agyanom mu atitire, sɛ wɔkan wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ, a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu ne akyire.


na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no, mfa nsom AWURADE fie.


Na wɔtoo wɔn so ntonto tetee wɔn mu, yeinom ne yeinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Nyankopɔn mmapɔmma no firi Eleasa mma ne Itamar mma mu.


Na Kora ba Ebiasaf ba Kore ba Salum ne ne nuanom n’agya fie mu, Korafoɔ no, wɔwɔ ɔsom adwuma no so rewɛn ntomadan no pono ano, sɛdeɛ na wɔn agyanom wɔ AWURADE nsraban no mu rewɛn emu hyɛne no.


Na wɔne wɔn mma wɔ apono no ano AWURADE fie, ntomadan fie no, rewɛn;


Yeinom ne nnwontofoɔ no, Lewi abusua so mpanimfoɔ a wɔtete asɔrefie mpumpunu mu, a wɔnyɛ adwuma foforɔ bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwuma awia ne anadwo.


Na Aaron ne ne mma nhwɛ so, ahyiaeɛ ntomadan no mu, ntwamutam a ɛkata Adanseɛ no anim no akyi, mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ a Israelfoɔ nni so wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Enti sɛ asafo AWURADE ka no adiyifoɔ no ho nie: Hwɛ, merema wɔn bɔnwono adi, na mama wɔn ɛborɔ nsuo anom, ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ mu abɔnefosɛm afiri kɔ asase no nyinaa so.


Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,


wɔn na wɔbɛhyɛne me kronkronbea hɔ, na wɔn na wɔbɛbɛn me pono ho abɛsom me, na wɔayɛ me som adwuma no.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi.


adanseɛ ntwamutam no akyi, ahyiaeɛ ntomadan no mu na Aaron nsiesie mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim daa; ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.


Nnwanhwɛfoɔ no na me bo afu wɔn, na saa mpapo no na mɛba abɛtwe wɔn aso. Na asafo AWURADE rebɛhwɛ ne nnwankuo, Yuda fie, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’animuonyam pɔnkɔ ɔsa mu.


na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanseɛ tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne adeɛ biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔnkyere wɔn nsraban nhyia.


Na Lewifoɔ no deɛ, wɔmmɔ adanseɛ tenabea no ho nsraban nhyia, na AWURADE abufuo amma Israelfoɔ asafo no so. Na Lewifoɔ no nkura adanseɛ tenabea no so hwɛ mu.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na so afɔrebukyia no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ afiri AWURADE anim afi. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.


Na wɔnka wo ho, na wɔnkura ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma no mu, nyɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa, na onipa foforɔ biara ammɛn mo.


Momma wɔntwa Kohatfoɔ mmusua mu abusuakuo no mmfiri Lewifoɔ mu, na yei na monyɛ mma wɔn,


Na mede Lewifoɔ no mama Aaron ne ne mma sɛ akyɛdeɛ afiri Israelfoɔ mu sɛ wɔnyɛ Israelfoɔ no adwuma, ahyiaeɛ ntomadan no mu na wɔmpata mma Israelfoɔ no, na Israelfoɔ no rebɛn kronkronbea hɔ a, ɔhaw biara amma wɔn so.


Ka kyerɛ Aaron sɛ: Wode nkanea no sisi kaneadua so a, nkanea nson no nnɛre wɔ so nkyerɛ anim.


Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛdeɛ adiyisɛm a wɔkaa no wo ho kane no teɛ no, sɛ fa so ko ɔko pa no,


na sɛ ebia mekyɛre a, woahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wobu wo bra Nyankopɔn fie a ɛyɛ Nyankopɔn teasefoɔ no asafo, nokorɛ dum ne nnyinasoɔ no mu.


Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim, sɛ hwɛ yeinom yie, na woampere ho ammu atɛn, nso woanyɛ biribiara nyiyimu so.


O Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so; dane wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nteɛ ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa no akyinnyesɛm no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios