Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 16:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhwam ngu so, AWURADE anim, ɔkyena. Na ɛbɛba sɛ onipa a AWURADE bɛyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei deɛ, ayɛ yie, mo Lewi mma!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhwam ngu so, AWURADE anim, ɔkyena. Na ɛbɛba sɛ onipa a AWURADE bɛyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei deɛ, ayɛ yie, mo Lewi mma!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 na ɔkyena monhyew aduhuam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na nea Awurade bɛpaw no no na ɔbɛyɛ ɔkronkronni. Afei de, Lewifo moayɛ ama aboro so!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 na monhye aduhwam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na yɛbɛhunu deɛ Awurade ayi no sɛ ne kronkronni. Afei deɛ, Lewifoɔ moayɛ ama aboro so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhuam ngu so, AWURADE anim ɔkyena; na onipa a AWURADE beyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei de, ayɛ yie, mo Lewi mma!

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 16:7
10 Referencias Cruzadas  

Na wɔn ani beree Mose, nsraban no mu, ne Aaron, AWURADE hotefoɔ no.


na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ?


na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n’asefoɔ no nyinaa sɛ: Anɔpa, AWURADE bɛma wɔahunu deɛ ɔyɛ ne deɛ, ne deɛ ɔyɛ kronkron a ɔbɛma no abɛn no; na deɛ ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma no abɛn no.


Yei na monyɛ: Kora ne n’asafo no nyinaa, momfa aduhwam nkukuwa,


Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Mo Lewi mma, montie me ɛ!


sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


Na yɛn deɛ, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi mo kɔ nkwagyeɛ mu, honhom ahoteɛ ne nokorɛ gyidie mu.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios