Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 16:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n’asefoɔ no nyinaa sɛ: Anɔpa, AWURADE bɛma wɔahunu deɛ ɔyɛ ne deɛ, ne deɛ ɔyɛ kronkron a ɔbɛma no abɛn no; na deɛ ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma no abɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n’asefoɔ no nyinaa sɛ: Anɔpa, AWURADE bɛma wɔahunu deɛ ɔyɛ ne deɛ, ne deɛ ɔyɛ kronkron a ɔbɛma no abɛn no; na deɛ ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma no abɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no se, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne nea ɔyɛ kronkron ne nea wayi no sɛ ɔmmɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne deɛ ɔyɛ kronkron ne deɛ wɔayi no sɛ ne ɔsɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n'asafo no nyinaa sɛ ɔkyena nko ara AWURADE bɛma wɔahu nea ɔyɛ ne de ne nea ɔyɛ kronkron a ɔbɛma wabɛn no; na nea ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma wabɛn no.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 16:5
38 Referencias Cruzadas  

Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron a ɔyii no no.


Aaron fie, momfa mo ho nto AWURADE so. Mo mmoa ne mo kyɛm ne no.


Nhyira ne deɛ woyi no na woma no bɛn wo sɛ ɔntena w’abannwa soɔ. Wo fie nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefie kronkron nnepa no.


Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfoɔ na dwira wɔn, na wɔnni me sɔfoɔ.


Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔrebukyia no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔammɔ mmusuo na wɔanwu; ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma no ne n’asefoɔ a wɔbɛdi n’akyire no.


Na wɔn hene bɛfiri wɔn ara wɔn mu, na wɔn sodifoɔ nso afiri wɔn mu, na mɛma no atwe apini, na ɔbɛbɛn me, na hwan ne deɛ ɔbɛsi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm nie.


Hwɛ, ɔforo sɛ gyata firi Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde adwane afiri hɔ amonom; na deɛ wɔayi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?


Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔadwane afiri hɔ amonom, na deɛ mɛyi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?


na dammoa a ani hwɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no soɔ no dea. Wɔne Sadok mma a wɔfiri Lewifoɔ no mu, a wɔbɛn AWURADE, bɛsom no no.


Asɔfoɔ, Lewifoɔ a wɔfiri Sadok asefoɔ mu a wɔbɛba abɛbɛn me sɛ wɔrebɛsom me no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ma wɔn nantwiburuwa na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ,


Asase no mu akronkronneɛ ne no, ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔsom kronkronbea a wɔpinkyɛ bɛsom AWURADE no deɛ, na ɛnyɛ wɔn adan sisibea ne kronkronbea ho kronkronbea.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.


Fa Aaron ne ne mma ka ne ho, ɛne ntadeɛ no ne sra ngo no, ne bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no ne adwennini mmienu no ne apiti kɛntɛn no.


Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.


na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ?


Yei na monyɛ: Kora ne n’asafo no nyinaa, momfa aduhwam nkukuwa,


Na ɔbarima a mɛyi no no poma bɛfefɛ, na mama me ho anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia mo no agyae.


Na adeɛ kyeeɛ a Mose kɔɔ adanseɛ ntomadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie deɛ no afefɛ ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na aso sorɔno aba abere.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


de bɛsii da a ɔnam Honhom Kronkron soɔ maa asomafoɔ a ɔyii wɔn no ahyɛdeɛ, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho.


Na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: Wo, Awurade a wonim nnipa nyinaa akoma mu, kyerɛ baanu yi mu baako a woayi no


Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.


Na wɔgyee ho akyinnyeɛ pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara monim sɛ mfitiaseɛ no ara na Onyankopɔn yii me wɔ yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anomu asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni.


Na ɔkaa sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hunu ne pɛ a ɔpɛ, na hunu Ɔteneneeni no, na te nankasa ne nne.


Na afei deɛ, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.


Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.


Monni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoeɛ ne ahoteɛ a obi kwati a, ɔrenhunu Awurade no akyiri.


na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.


na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios