Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 15:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 ɛnneɛ aduane afɔdeɛ a ɔmfa nka nantwie ba no ho ne esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo susutoa fa afɔre;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 ɛnneɛ aduane afɔdeɛ a ɔmfa nka nantwie ba no ho ne esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo susutoa fa afɔre;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 fa atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa ne ngo lita abien ka nantwi no ho

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 fa atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ne ngo lita mmienu ka nantwie no ho

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 ɛnne aduan afɔre a ɔmfa nka nantwi ba no ho ne asikresam abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo susutoa fa afɔtɔw;

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 15:9
18 Referencias Cruzadas  

Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Gye fa, na me wura ɔhene nyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. Hwɛ, mema anantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne ɔporeɛ teaseɛnam a wɔde bɛyɛ nnyina, ne ayuo a wɔde bɛyɛ aduane afɔdeɛ; mede ne nyinaa mema.


ama kyerɛ paanoo ne daa aduane afɔdeɛ ne daa hyeɛ afɔdeɛ, home nna deɛ, bosome foforɔ deɛ, ama afahyɛ ne akronkronneɛ ne bɔne ho afɔdeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma Israel ne yɛn Nyankopɔn fie adwuma nyinaa.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammoa ne anafoɔ fam adammoa a ɛsisi adihɔ no anim no ne adammoa kronkron a asɔfoɔ a wɔbɛn AWURADE no bɛdi akronkronneɛ mu akronkronneɛ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronneɛ mu akronkronneɛ nguguo, aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, na ɛhɔ yɛ kronkron.


Na nnapɔnna ne afahyɛ no mu aduane afɔdeɛ nyɛ nantwinini ne aduane efa, ne odwennini ne aduane efa, ne nnwanten ho deɛ ne nsa bɛso soɔ, ne aduane efa ho ngo susutoa.


na monsiesie odwanten no, ne aduane afɔdeɛ ne ngo no daa anɔpa: Ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ.


ne aduane afɔdeɛ: Odwennini no deɛ, efa ne nnwanten no ho aduane afɔdeɛ a ne nsa bɛso soɔ ne ngo susutoa a ɛka efa no ho.


ne nantwinini no ho efa ne odwennini no ho efa na ɔmfa nyɛ aduane afɔdeɛ ne nnwanten no deɛ, sɛdeɛ ne nsa bɛso soɔ, ne ngo susutoa a ɛka efa ho.


Wɔatwa aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa afiri AWURADE fie; asɔfoɔ no, AWURADE asomfo no, di abooboo.


Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene, na wagya n’akyiri nhyira, a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa nnwanten mma mmienu a wɔdi mu, ne odwammaa bedeɛ baako a wadi afe a ɔdi mu, ne aduane afɔdeɛ esiam efa abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma baako mmra.


Na yei ne aduane afɔdeɛ ho mmara: Aaron mma no mfa mmra AWURADE anim wɔ afɔrebukyia no anim.


Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ ne atuhoakyɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ


na fa ahwiesa susutoa fa nso bra, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na sɛ nantwie ba na wode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ de ayɛ w’aboadeɛ, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a,


na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka nantwinini baako ho, na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho,


Na ɛho ahwiesa, bobesa susutoa fa nka nantwinini biara ho, na susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nka odwennini no ho, na susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa biara ho. Yei ne bosome biara hyeɛ afɔdeɛ, afirinhyia abosome no mu.


ɛsono bosome foforɔ so hyeɛ afɔdeɛ, ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne ɛho ahwiesa sɛdeɛ ɛteteɛ; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam.


Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no sua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios