Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 15:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 ne ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako, na ɔmfa nka ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ dwan ba baako ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 ne ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako, na ɔmfa nka ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ dwan ba baako ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Oguamma biara a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛsɛ sɛ wɔde nsa afɔrebɔde a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Odwammaa biara a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde nsã afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 ne ahwiesa susutoa abupɛn anan mu biako, na ɔmfa nka ɔhyew afɔre anaa okum afɔre guan ba biako ho.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 15:5
18 Referencias Cruzadas  

Nanso ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ ne ahwiesa a ɛka ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho dɔɔso bebree. Sɛ wɔsiesiee AWURADE fie som no nie.


Yei nyinaa nti bɔ mmɔden fa sika no tɔ anantwie, adwennini, nnwammaa ne wɔn ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, na fa kɔbɔ afɔdeɛ, afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no so.


Mɛma nkwagyeɛ kuruwa so, na mabɔ AWURADE din.


na fa esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo toa baako ne ɛfa agu soɔ ne bobesa toa baako ne ɛfa ahwiesa ka adwammaa baako ho.


Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Tenenee so na wɔdɔ woɔ.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra.


ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre, na ɛnyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn nnan mu baako.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no yɛ nnwan no bi a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa mmra.


Sɛ n’ayɛyɛdeɛ yɛ adwammaa na ɔde reba a, ɔmfa mmra AWURADE anim;


Na ne yie ne sɛn, na n’ahoɔfɛ ne sɛn? Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ tokotokoo na nsamono nso ama mmabaa ayɛ saa ara.


Saa na wɔnyɛ nantwie biara anaa odwennini biara anaa nnwanten anaa mmirekyie mma mu biara.


Na odwennini deɛ, deɛ fa bɔ aduane afɔdeɛ ne esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako,


Na ɛho ahwiesa, bobesa susutoa fa nka nantwinini biara ho, na susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nka odwennini no ho, na susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa biara ho. Yei ne bosome biara hyeɛ afɔdeɛ, afirinhyia abosome no mu.


Na n’ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa baako ho. Kronkronbea hɔ na hwie nsa a wɔhwie no ma AWURADE.


Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie.


Na me deɛ, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me berɛ a mede bɛsɔre ha ahi.


Na bobe ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me nsa a ɛgye anyame ne nnipa ani no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios