Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 11:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no bɔne, na adɛn nti na mannya w’anim animuonyam sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me soɔ yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no bɔne, na adɛn nti na mannya w’anim animuonyam sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me soɔ yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mose bisaa Awurade se, “Adɛn nti na wode ɔhaw sɛɛ aba wʼakoa so? Dɛn na mayɛ atia wo a na wode saa nnipa a wɔte sɛɛ yi nyinaa adesoa abɛsoa me?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Mose bisaa Awurade sɛ, “Adɛn enti na woyɛ me saa na wode saa nnipa a wɔte seyie yi nyinaa adesoa abɛsoa me?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ ɛdɛn nti na wo ne w'akoa adi no bɔne, na ɛdɛn nti na mannya w'anim anuonyam, sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me so yi?

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 11:11
16 Referencias Cruzadas  

Mɛse Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ, ma menhunu adekodeɛ a enti wo ne me ham yi.


AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a, hwan na anka ɔbɛgyina?


Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu, na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem.


Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Ɛdeɛn na mennyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasi me aboɔ.


Na Mose sane baa AWURADE nkyɛn bɛkaa sɛ: AWURADE, adɛn na woayɛ ɔman yi bɔne sei? Adɛn na wosomaa me yi?


Mennue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham, yiyi atɛn. Memfɛm nnyee mfɛntomu na obiara mfɛm me bi, nanso wɔn nyinaa dome me.


Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi, na me kuro ayɛ nkudaa a wɔsa a, ɛnsa yi? Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ a ɛnnyina ama me anaa?


Mokaa sɛ: Nyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfasoɔ bɛn sɛ yɛhwɛɛ n’ahwɛdeɛ na yɛnantee birisi mu wɔ asafo AWURADE anim?


Na Mose tee sɛ ɔman no resu, wɔn mmusua mu, wɔn ntomadan ano ano; na AWURADE bo huruu no sɛ, na ɛyɛɛ Mose nso ahomete.


Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no a, ɛnneɛ sɛ m’anim aba nyam w’anim a, kum mmom na ku me, na manhunu m’amaneɛ no.


Deɛ ɛkeka ho no nyinaa nna nkyɛn, deɛ ɛhyɛ me soɔ ne asafo no nyinaa ho dadwene.


Ɛbɛyɛ dɛn na me nko ara mɛtumi masoa mo ne mo aperedie ho adesoa duruduro yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios