Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 1:54 - New Revised Asante Twi Bible

54 Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

54 Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

54 Israelfo no yɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

54 Israelfoɔ no yɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

54 Na Israelfo no yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 1:54
17 Referencias Cruzadas  

Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.


Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Wɔkyeree nsraban, sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ, na saa nso na wɔtuiɛ, wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ no.


sɛ wɔkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔrebukyia no ho a, wɔhohoroo wɔn ho, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na ɔyɛeɛ.


Na Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa, na hwɛ, wɔayɛ no sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no, saa ara pɛ na wɔyɛeɛ. Na Mose hyiraa wɔn.


Na wɔyɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa wiee, na Israelfoɔ yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.


Na Lewifoɔ no deɛ, wɔmmɔ adanseɛ tenabea no ho nsraban nhyia, na AWURADE abufuo amma Israelfoɔ asafo no so. Na Lewifoɔ no nkura adanseɛ tenabea no so hwɛ mu.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:


Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfoɔ sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no.


sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa na ɔkan wɔn Sinai serɛ soɔ.


Na Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo mu no nyinaa yɛɛ Lewifoɔ no saa; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose maa Lewifoɔ ho no, saa na Israelfoɔ no yɛɛ wɔn.


Na wɔdii twam no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Sinai serɛ so; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israel mma no yɛeɛ.


na sɛ nnanu, sɛ bosome, sɛ nna bebree, na mununkum no di tenabea no so a na ɛsi so ara a, Israelfoɔ no tena nsram na wɔntu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wɔtuo.


Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Selofehad mmammaa no yɛeɛ;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios