Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Yohane 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Metwerɛ mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔrepɛ wɔn mu panin adie no nnye yɛn nto mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Metwerɛ mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔrepɛ wɔn mu panin adie no nnye yɛn nto mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mekyerɛw krataa tiaa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panyin no ntie nea meka no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Metwerɛɛ krataa tiawa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panin no rentie deɛ meka no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Mekyerɛw mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔpɛ wɔn mu panyin adi no nnye yɛn ara.

Ver Capítulo Copiar




3 Yohane 1:9
15 Referencias Cruzadas  

Na obiara a ɔbisa no, ɔnya, na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu, na deɛ ɔbɔ mu no, wɔhini no.


Na wɔmuaa wɔn ano; ɛfiri sɛ ɔkwan mu no wɔdwenwenee ho sɛ hwan ne wɔn mu ɔkɛseɛ.


Obiara a ɔbɛgye saa mmɔfra yi mu baako me din mu no, gye me; na obiara a ɔbɛgye me no, ɛnyɛ me na ɔgye me, na deɛ ɔsomaa me no.


na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgye abɔfra yi me din mu no, wagye me; na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye deɛ ɔsomaa me no. Na deɛ ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno na ɔbɛyɛ kɛseɛ.


Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yie, monni kan nnidi mo ho ni.


Na ɔno ne nipadua a ɛyɛ asafo no tire; ɔno ne mfitiaseɛ, awufosɔreɛ mu farebae, sɛ ɔnyɛ ade nyinaa mu kannifoɔ.


Obiara a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.


Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yɛgye saa nkurɔfoɔ no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfoɔ ama nokorɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios