Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Yohane 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yɛgye saa nkurɔfoɔ no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfoɔ ama nokorɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yɛgye saa nkurɔfoɔ no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfoɔ ama nokorɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Yɛn Kristofo na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛnea yɛne wɔn bɛyɛ nokware no ho adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yɛn Akristofoɔ na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛdeɛ yɛne wɔn bɛyɛ nokorɛ no ho adwuma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye saa nkurɔfo no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.

Ver Capítulo Copiar




3 Yohane 1:8
17 Referencias Cruzadas  

Hwan na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfoɔ adi asie ama me? Hwan na ɔbɛgyina ne amumuyɛfoɔ adi asie ama me?


Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.


Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Na ɔfiri mu nohoa bɛbua no sɛ: Nha me, na wɔato pono mu, na me mma wɔ me nkyɛn wɔ mpa so, na merentumi mensɔre mmɛma wo.


Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ monnnye Nyankopɔn adom no kwa.


Na Tito deɛ, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfoɔ ma mo; yɛn nuanom no deɛ, wɔyɛ asafo ahodoɔ no asomafoɔ, Kristo animuonyam.


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko konnuasoafoɔ nokwafoɔ, sɔ saa mmaa yi mu abia, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klemens nso ne me yɔnko adwumayɛfoɔ a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nwoma mu no.


Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wɔfiri twetiatwa mu no, kyea mo. Yeinom nko ne me yɔnko adwumayɛfoɔ Nyankopɔn ahennie no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekyerɛ.


Na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Onyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔntu mo fo mo gyidie ho,


ne onuabaa Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fie:


Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfoɔ, kyeakyea wo.


Yei nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na yei mpo annɔɔso amma no, na ɔno ara nnye anuanom no nto mu, na ɔsi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na ɔtu wɔn firi asafo no mu.


Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman mufoɔ no hɔ biribiara.


Metwerɛ mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔrepɛ wɔn mu panin adie no nnye yɛn nto mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios