Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Yohane 1:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman mufoɔ no hɔ biribiara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman mufoɔ no hɔ biribiara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Efisɛ wɔretu wɔn kwan wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfi wɔn a wɔnyɛ agyidifo no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛfiri sɛ, wɔn kwan a wɔretu no, wɔretu wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfiri wɔn a wɔnyɛ agyidifoɔ no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman no hɔ biribiara.

Ver Capítulo Copiar




3 Yohane 1:7
17 Referencias Cruzadas  

Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no.


M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atadeɛ.


Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.


Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.


Ɛnna wɔn a wɔhweteeɛ no kyinkyini kɔkaa asɛmpa no.


Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.


Na afei m’akatua ne deɛ ɛwɔ he? Ɛne sɛ, meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho na mamfa tumi a wɔde ama me wɔ asɛmpa no ho no manyɛ biribi.


Na ɛdeɛn mu na motɔɔ sini a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo deɛ, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me!


Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa.


Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wama no din a ɛboro din nyinaa soɔ,


Afei m’ani gye amaneɛ a mehunu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, deɛ aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yɛgye saa nkurɔfoɔ no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfoɔ ama nokorɛ no.


Na wowɔ boasetɔ, na me din nti, woahunu amane, nanso woampa aba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios