Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Yohane 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Yei nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na yei mpo annɔɔso amma no, na ɔno ara nnye anuanom no nto mu, na ɔsi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na ɔtu wɔn firi asafo no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Yei nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na yei mpo annɔɔso amma no, na ɔno ara nnye anuanom no nto mu, na ɔsi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na ɔtu wɔn firi asafo no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ meba a, mede biribiara a ɔreyɛ no ho asɛm bɛto mo anim. Mɛka nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atoro a otwa nyinaa no ho asɛm. Nanso ɛno nko ara nye mma no. Sɛ anuanom afoforo ba a, onnye wɔn, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wogye wɔn no nso kwan, san apam wɔn fi asafo no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ meba a, biribiara a wayɛ no, mede ho asɛm bɛto mo anim. Nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atorɔ a ɔtwa nyinaa, mɛka ho asɛm. Nanso, ɛno nko ara nyɛ mma no. Sɛ anuanom afoforɔ ba a, ɔnnye wɔn, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye wɔn no nso, ɔsi wɔn kwan na wabɔ mmɔden apam wɔn afiri asafo no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Eyi nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na eyi mpo annɔɔ no so, na n’ankasa nnye anuanom no ntom, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na otu wɔn fi asafo no mu.

Ver Capítulo Copiar




3 Yohane 1:10
16 Referencias Cruzadas  

Deɛ ɔbu ani no yi awerɛhoɔ, na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase.


Akoma mu nyansafoɔ gye mmara nsɛm, na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase.


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.


N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:


Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kane no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seesei a menni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ meyɛeɛ berɛ a mebaa hɔ ne mprenu soɔ no, sɛ meba bio a, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn.


Enti yɛwɔ berɛ a ɛfata a, momma yɛnnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ gyidie no fiefoɔ.


Na emu ara nso na wɔyɛ aniha sua afie mu kyinkyini, na ɛnyɛ aniha nko na wɔyɛ, na wɔyɛ anokurokuro ne terɛterɛ nso keka nsɛm a ɛnsɛ.


Sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkura nkyerɛkyerɛ yi a, monnnye no nnkɔ mo fie, nso monnkyea no!


Mewɔ nsɛm pii a anka mɛtwerɛ mabrɛ mo deɛ, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubire metwerɛ. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.


Ɛberɛ a anuanom bi baeɛ, na wɔbɛdii wo nokorɛdie ho adanseɛ, sɛdeɛ wonam nokorɛ mu no, m’ani gyee sɛ.


Ɔdɔfo, deɛ woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔhoɔ no, ne kwan so ara ne no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios