Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 9:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔkumm ɔhyeɛ aboa afɔdeɛ no nso, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔhwie petee afɔrebukyia no so hyiae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔkumm ɔhyeɛ aboa afɔdeɛ no nso, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔhwie petee afɔrebukyia no so hyiae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nea edi hɔ ne sɛ, okum ɔhyew afɔre aboa no maa ne mmabarima sɔw mogya no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, ɔkumm ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no maa ne mmammarima sɔɔ mogya no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na okum ɔhyew afɔre aboa no nso, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ohwie petee afɔremuka no so hyiae.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 9:12
9 Referencias Cruzadas  

Na Aaron kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, ɛnnɛ wɔde wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne wɔn hyeɛ afɔdeɛ aba AWURADE anim, na adeɛ a ɛte seyie abɛto me yi; na sɛ medi bɔne ho afɔdeɛ nnɛ a, ɛbɛsɔ AWURADE ani anaa?


Na ɛnam no ne nwoma no deɛ, ɔde ogya hyee no nsraban no akyi.


Na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no asinasini ne ne tiri no brɛɛ no, na ɔhyee no afɔrebukyia no so.


Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no bae, na ɔbɛyɛɛ no sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.


Na ne mma no de mogya no kɔmaa no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu de kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios