Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 8:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na ɔfaa sradeɛ no ne sradedua no ne sradeɛ a ɛwɔ ayamdeɛ no ho nyinaa ne mmerɛboɔ so ntentan no ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne srɛ nifa no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na ɔfaa sradeɛ no ne sradedua no ne sradeɛ a ɛwɔ ayamdeɛ no ho nyinaa ne mmerɛboɔ so ntentan no ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne srɛ nifa no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Afei, ɔfaa srade no, ne dua, ne ne mu srade, ne bɔnwoma kotoku, nʼasaabo abien no ne ɛho srade ne ne srɛ nifa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Afei, ɔfaa sradeɛ no, ne dua, ne ne mu sradeɛ, ne berɛboɔ kotokuo, ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne nʼabati nifa

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na ɔfaa srade no ne sradedua no ne srade a ɛwɔ ayamde no ho nyinaa ne mmerɛbo so ntontan no ne asaabo abien no ne ɛho srade ne ɔsrɛ nifa no,

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 8:25
9 Referencias Cruzadas  

Monnni no amono, na mommfa nsuo nnnoa, na mmom momfa ogya ntoto no mua a, ne ti ne n’asrɛ ne n’ayamdeɛ nyinaa ka ho.


Na yi sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no ho nyinaa ne deɛ ɛsensɛne mmerɛboɔ no ho no, ne sawa mmienu no ne ɛso sradeɛ no, na hye no wɔ afɔrebukyia no so.


Me ba, fa w’akoma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.


Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no; na ɔbɔɔ no yadeɛ. Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a, ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam.


Na ɔnyi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔdeɛ mma AWURADE; ne sradeɛ ne ne sradeɛ duapuo a ɔntwa no padua so pa ara ne sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ soɔ ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa,


Na ɔde Aaron mma no bae, na Mose de mogya no bi kekaa wɔn aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobetie ne wɔn nan nifa kokurobetie ano; na Mose hwiee mogya no petee afɔrebukyia no so hyiae.


na ɔfaa apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu apiti taterɛ baako ne ngo paanoo taterɛ baako ne ɔfam baako de guu sradeɛ ne srɛ nifa no so,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios