Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 8:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na Mose kumm no, na ɔfaa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na Mose kumm no, na ɔfaa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Mose kum no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Mose kumm no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na okum no, na Mose faa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 8:23
18 Referencias Cruzadas  

Na kum odwennini no na fa ne mogya no bi, na fa ka Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobetie ano, ne wɔn nan nifa kokurobetie ano, na fa mogya no pete afɔrebukyia no ho hyia.


Na fa afɔrebukyia no so mogya no bi ne sra ngo no bi, na fa petepete Aaron ne ne ntadeɛ so, ne ne mma no ne ne mma ntadeɛ nso so, na ɛnnwira no ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ no nso.


Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano.


na ngo a ɛbɛka ne nsam no, ɔsɔfoɔ no mfa bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano, asodie ho afɔdeɛ mogya no so;


Na ɔnkum asodie ho afɔdeɛ dwanten ba no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano;


na ɔsɔfoɔ no mfa ngo a ɛwɔ ne nsam no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano, deɛ asodie ho afɔdeɛ no mogya no wɔ no;


Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ ne atuhoakyɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ


Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumuyɛ akodeɛ, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔfiri awufoɔ mu te aseɛ, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ tenenee akodeɛ.


Mo honam mmerɛ nti na merekasa makyerɛ mo wɔ nnipa famu. Na sɛdeɛ mode mo honam akwaa maeɛ, de somm efi ne mmaratodeɛ de kɔɔ mmaratodeɛ mu no, saa ara na afei momfa mo honam mma mfa nsom tenenee nkɔ ahoteɛ mu.


de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;


Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.


Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn animuonyam mo nipadua mu.


mewɔ anidasoɔ na mehwɛ kwan dendeenden sɛ, m’anim rengu ase wɔ biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛseɛ nti, sɛdeɛ ɛte daa no, seesei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owuo mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.


Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie.


Monyi mo ho mfiri bɔne su nyinaa ho.


Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.


Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios