Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 8:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na n’ayamdeɛ ne ne nnyawa no, ɔde nsuo hohoroo ho. Na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔrebukyia no so; ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne no, AWURADE gya afɔdeɛ ne no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na n’ayamdeɛ ne ne nnyawa no, ɔde nsuo hohoroo ho. Na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔrebukyia no so; ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne no, AWURADE gya afɔdeɛ ne no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Na ɔde nsu hohoroo nʼayamde ne nʼanan no ho hyew no wɔ afɔremuka no so maa ne nyinaa hyew dwerɛbee. Na ɛyɛ ɔhyew afɔre, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ maa Awurade, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Na ɔde nsuo hohoroo nʼayamdeɛ ne ne nan no ho hyee no wɔ afɔrebukyia no so maa ne nyinaa hyee pasaa wɔ Awurade anim. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔɔ Awurade ani yie, ɛfiri sɛ, Mose dii Awurade akwankyerɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 na n'ayamde ne ne nnyawa no, ɔde nsu hohoroo ho; na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔremuka no so, ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam ne no, AWURADE gya afɔre ne no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 8:21
11 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Monnni no amono, na mommfa nsuo nnnoa, na mmom momfa ogya ntoto no mua a, ne ti ne n’asrɛ ne n’ayamdeɛ nyinaa ka ho.


Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


Na sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na ɔyɛeɛ.


Na ayamdeɛ ne nnyawa no, ɔmfa nsuo nhohoro ho; na ɔsɔfoɔ no mfa ne nyinaa mmra mmɛhye no afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔnsuane no mu, n’atabu so, nanso ɔnnte mu, na ɔsɔfoɔ no nhye wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔnhohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho wɔ nsuo mu; na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔsɔfoɔ no nyi ayɛyɛdeɛ no so nkaeɛ adeɛ no, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so; ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne no.


Na Mose de Aaron mma no nso bae, na ɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ, na ɔde aboomu bobɔ wɔn mu, na ɔde abotire bobɔɔ wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


na ɔde abotitene no bɔɔ ne ti, na ɔde sikaterɛ no, kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no, fam abotitene no anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios