Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 7:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na mogya biara nso, anomaa deɛ oo, atɔteboa deɛ oo, monnni wɔ mo tenabea biara mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na mogya biara nso, anomaa deɛ oo, atɔteboa deɛ oo, monnni wɔ mo tenabea biara mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Munnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Monnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na mogya biara nso, anomaa de oo, atɔteboa de oo, munnni, mo tenabea biara mu;

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 7:26
17 Referencias Cruzadas  

Nam a ne mogya da so wɔ ne mu nko na monnnie.


na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho.


Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu ne mo tenabea nyinaa sɛ: Monnni sradeɛ anaa mogya biara.


Na Nyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ, na sɛ yɛde aseda gye a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ yɛkyiri biribiara;


Ɔno ara mu na yɛanya ɔgyeɛ a ɛnam ne mogya soɔ, a ɛne mfomsoɔ fakyɛ no wɔ n’adom bebree mu.


sɛ monyi mo ho mfiri nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne adwamammɔ mu; ɛno na sɛ moyi mo ho firi ho a, ɛyɛ. Ɛnsi mo yie!


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa mo mu.


Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Modi aboa a wɔantwa ne tiri nam, na momma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuo, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa?


Na obiara a ɔbɛdi afieboa a wɔde bi bɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ sradeɛ no, wɔbɛtwa ɔkra a ɔdie no afiri ne man mu atwene.


Ɔkra biara a ɔbɛdi mogya biara no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.


Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Monnni adebisasɛm na monngoro abayigorɔ.


mogya no nko na monnnie, monhwie ngu fam sɛ nsuo.


Hwɛ yie mmom na hwɛ na woanni mogya, ɛfiri sɛ mogya ne ɔkra, na nni ɔkra nka nam no ho;


ne mogya nko na nnie, hwie gu fam sɛ nsuo.


Saa ara na yɛ w’anantwie ne wo nnwan; nnanson na ɔne ne na ntena, da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios