Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 6:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na nkaeɛ no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wɔnni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ na wɔnnie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na nkaeɛ no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wɔnni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ na wɔnnie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔsaw ne nsa ma wie a, nea ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmabarima de a wobedi. Wobedi wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ a wɔremfa mmɔkaw mfra.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔsa ne nsabuo ma wie a, deɛ ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmammarima dea a wɔbɛdie. Wɔbɛdi a wɔremfa mmɔreka mfra wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na nkae no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wonni no nea ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiae ntamadan no adiwo na wonni.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 6:16
13 Referencias Cruzadas  

Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apueeɛ pono no na na ɔhwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ayɛyɛdeɛ no soɔ, sɛ ɔde AWURADE mmasoɔ adeɛ ne akronkronneɛ mu adekronkron no bɛma.


Na wɔnni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwononwono nni.


Aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, wɔn ara na wɔnnie, na Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wɔn deɛ.


Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.


Na ɔsɔfoɔ no aduane afɔdeɛ nyinaa wɔnhye no mu; wɔnnni bi.


Ɔsɔfoɔ a ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ no na ɔnnie; faako a ɛhɔ yɛ kronkron na wɔnni wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Me deɛ, hwɛ, mede me mmasoɔ adeɛ so hwɛ mema wo; Israelfoɔ akronkronneɛ nyinaa, mede mama wo ne wo mma sɛ daa kyɛfa.


Enti momma yɛnhyɛ fa; ɛnyɛ mmɔreka dada no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumuyɛ mmɔreka mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokorɛ apiti mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios