Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 6:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔnyi ne ntadeɛ no, na ɔnhyɛ ntadeɛ foforɔ, na ɔmfa nso no mfiri nkɔ nsraban no akyi nkɔgu deɛ ɛhɔ teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔnyi ne ntadeɛ no, na ɔnhyɛ ntadeɛ foforɔ, na ɔmfa nso no mfiri nkɔ nsraban no akyi nkɔgu deɛ ɛhɔ teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, ɔbɛsesa ne ntade no na wasoa nsõ no afi beae hɔ de akogu beae foforo a wɔatew hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, ɔbɛsesa ne ntadeɛ no na wasoa nsõ no afiri beaeɛ hɔ de akɔgu beaeɛ foforɔ a wɔate hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na onyi ne ntade no, na ɔnhyɛ ntade foforo, na ɔmfa nso no mfi nkɔ nsra no akyi nkogu nea ɛhɔ tew.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 6:11
14 Referencias Cruzadas  

Nnanson na pata afɔrebukyia no soɔ yɛ no kronkron, na afɔrebukyia no ayɛ akronkronneɛ mu kronkron; obiara a ɔka afɔrebukyia no nyɛ kronkron.


Na wɔrefiri adi afiri abannwa no so akɔ ɔman no nkyɛn a, wɔnyiyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someɛ no, mfa ngu kronkronbea adammoa no mu, na wɔnhyehyɛ ntadeɛ afoforɔ, na wɔamfa wɔn ntadeɛ kronkronyɛ no ankɔ nkurɔfoɔ no mu.


Na bɔne ho afɔdeɛ nantwinini ne bɔne ho afɔdeɛ papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpataeɛ no, wɔmfa wɔn mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔmfa ogya nhye wɔn nwoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan.


na ɛnyɛ Aaron ne ne mma deɛ, na wɔnni wɔ deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ so ma no, ɛyɛ daa kyɛfa.


nantwinini mu no nyinaa, mfiri nkɔ nsraban no akyi, deɛ ɛhɔ teɛ, deɛ wɔhwie nso guo, na ɔmfa ogya nhye no nnyina so; deɛ wɔhwie nso guo na wɔnhye no.


Na ɔmfa nantwinini no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na ɔnhye no sɛdeɛ wɔhyee kane nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔdeɛ ne no.


Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ ne nwera atadeɛ, na ɔnhyɛ ne nwera twakoto nkata ne ho, na ɔnsesa nso a ɔhyeɛ afɔdeɛ ogya no hye gyaa no afɔrebukyia no soɔ no ngu afɔrebukyia no nkyɛn.


Na wɔmma afɔrebukyia so gya no nnɛre, ennnum ara da, na ɔsɔfoɔ no nsɔ nnyina wɔ so daa anɔpa, na ɔnsiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ so, na ɔnhye so asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no.


Yei ne Aaron ne ne mma ayɛyɛdeɛ a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no; esiam olonka abupɛn du mu baako nyɛ daa ayɛyɛdeɛ, anɔpa deɛ fa na anwummerɛ deɛ fa.


Na ɔsɔfoɔ a wɔbɛsra no ngo asi n’ananmu wɔ ne mma mu no na ɔnyɛ; ɛyɛ AWURADE daa ahyɛdeɛ; wɔnhye no mu.


Mmarima a wɔfiri asɔfoɔ abusuakuo nyinaa nni; deɛ ɛhɔ yɛ kronkron na wɔnnie; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios