3 Mose 5:16 - New Revised Asante Twi Bible16 Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron16 Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm16 Ade kronkron a nipa no guu ho fi no nso, ɔde foforo besi anan na watua dekode no bo ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfo na ɔde Odwennini no abɔ bɔne afɔre no na wɔde ne bɔne akyɛ no. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm16 Ade kronkron a onipa no guu ho fi no nso, ɔde foforɔ bɛsi anan na watua dekodeɛ no boɔ ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfoɔ na ɔde odwennini no abɔ bɔne afɔdeɛ no na wɔde ne bɔne akyɛ no. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON16 Na nea wayɛ ho bɔne, akronkronne mu no, onsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn anum mu biako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no. Ver Capítulo |