Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 5:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfo no te sɛ nnɔbae afɔrebɔde no ara pɛ.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikyiresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfoɔ no te sɛ afudeɛ afɔrebɔdeɛ no ara pɛ.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nneɛma yi biara mu no ho, na wɔde befiri no; na nkae no nyɛ ɔsɔfo no de, sɛ aduan afɔre.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 5:13
16 Referencias Cruzadas  

Me man bɔne yɛ wɔn aduane, na wɔn amumuyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.


Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no.


Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.


Na sɛdeɛ ɔyɛɛ bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, saa ara na wɔnyɛ yei nso; na ɔsɔfoɔ no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn.


Na ɔnhye ne sradeɛ nyinaa wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na deɛ ɔtɔ so mmienu no, ɔmfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa mu nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye no afɔrebukyia no so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no: Bɔne ho afɔdeɛ ne no.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Sɛ asɛnhunu firi onipa anomu anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi na ɔnnim mpo a, sɛ akyire n’ani ba ne ho so a, ɔdi adeɛ yi mu biara ho so;


na afei sɛ ɔdi adeɛ yi mu biara ho so a, ɔnka deɛ wayɛ mu bɔne no,


na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, nnwan mu ɔbedeɛ, odwanten anaa abirekyie, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.


Mmarima a wɔfiri asɔfoɔ abusuakuo nyinaa nni; deɛ ɛhɔ yɛ kronkron na wɔnnie; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ asɔredan mu adwuma no di asɔredan adeɛ no bie, na wɔn a wɔte afɔrebukyia ho no nso didi afɔrebukyia no ho?


na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios