Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 4:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na ɔnhye ne sradeɛ nyinaa wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na ɔnhye ne sradeɛ nyinaa wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Wɔbɛhyew srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so te sɛ nea wɔhyew asomdwoe afɔre srade no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanyin ko no wɔ ne bɔne no ho; na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Wɔbɛhye sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so te sɛ deɛ wɔhye asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanin ko no wɔ ne bɔne no ho na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na ɔnhyew ne srade nyinaa wɔ ɔhyew afɔremuka no so sɛ asomdwoe afɔre srade no; na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 4:26
22 Referencias Cruzadas  

Na asɔfoɔ no kunkumm wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔdeɛ guu afɔrebukyia no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa. Na Israel nyinaa na ɔhene no kaa sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no yɛ Israel nyinaa dea.


Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, fa ɔpapo a ɔnni dɛm bra bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔmfa nyi afɔrebukyia no ho bɔne, sɛdeɛ wɔde nantwinini no yiiɛ no.


Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyeɛ afɔdeɛ no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.


Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.


na ngo a ɛbɛka ɔsɔfoɔ no nsam no, ɔnhwie ngu deɛ wɔrete ne ho no atifi, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim.


Na ɔsɔfoɔ no mfa baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no AWURADE anim mfiri n’ahosene no mu.


Ɛfiri sɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔrebukyia no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.


Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, AWURADE anim, bɔne a wayɛ no nti, na wɔde ne bɔne a wayɛ no akyɛ no.


Na Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so, mpae ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛgu ogya no so, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.


Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa mfiri so, na ɔnhye no afɔrebukyia no so.


Na sɛdeɛ ɔyɛɛ bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, saa ara na wɔnyɛ yei nso; na ɔsɔfoɔ no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn.


Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ adwammaa ho sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na deɛ ɔtɔ so mmienu no, ɔmfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.


Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.


na ɔmfa odwennini a ɔdi mu mmrɛ ɔsɔfoɔ no, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, fom a wafom na wanhunu no ho, na wɔde bɛkyɛ no.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ AWURADE anim, na wɔde adeɛ biara a wayɛ a ɔdi ho so no bɛkyɛ no.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma Israelfoɔ asafo no nyinaa, na wɔde bɛkyɛ wɔn; ɛfiri sɛ ɛyɛ ɛfom; na wɔn deɛ, wɔn fom no nti wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ aba de rebɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ, AWURADE anim;


na ɔsɔfoɔ no mpata, AWURADE anim, mma ɔkra a ɔfom anifasoɔ mu no, sɛ ɔrepata ama no; na wɔde bɛkyɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios