Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 4:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na asafo no mu mpanimfoɔ mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wɔnkum nantwie no, AWURADE anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na asafo no mu mpanimfoɔ mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wɔnkum nantwie no, AWURADE anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛ wɔrebɔ saa afɔre no a, ɔman no mu mpanyimfo de wɔn nsa begu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛ wɔrebɔ saa afɔdeɛ no a, ɔman no mu mpanimfoɔ de wɔn nsa bɛgu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na asafo no mu mpanyimfo mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wonkum nantwi no, AWURADE anim.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 4:15
16 Referencias Cruzadas  

Na wɔde bɔne ho afɔdeɛ mpapo no baa ɔhene badwa no anim, na wɔde wɔn nsa guguu wɔn so.


Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri.


Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ.


Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.


Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyeɛ afɔdeɛ no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.


Na Aaron mfa ne nsa mmienu ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfoɔ no mfomsoɔ nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ no ɔmfa ngu ɔpapo no atifi, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkɔgyaa no mma no nkɔ ɛserɛ so,


Na ɔsɔfoɔ a wɔasra no no mfa nantwinini no mogya no bi nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu;


Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, AWURADE anim.


Na ɔmaa wɔde bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu bɔne afɔdeɛ nantwinini no atifi.


Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi.


Na ɔde odwennini a ɔtɔ so mmienu no, atuhoakyɛ afɔdeɛ dwennini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu odwennini no atifi.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ.


Na AWURADE sianee mununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ ne soɔ no bi guu mpanimfoɔ aduɔson no so; na honhom no sisii wɔn soɔ no, wɔkaa adiyisɛm berɛ tiaa bi mu, nanso akyire yi no wɔansane anyɛ bio.


na fa Lewifoɔ no bra AWURADE anim, na Israelfoɔ no mfa wɔn nsa ngu Lewifoɔ no so;


Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwie no atifi, na fa baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ, na fa baako nso bɔ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, na pata ma Lewifoɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios